2021
Mepɛ sɛ Medi Yesu Akyi
Ɔbɛnem 2021


“Mepɛ sɛ Medi Yesu Akyi,” Adamfo, Ɔbɛnem 2021

Abasɛm a ɛfa Yesu ho

Mepɛ sɛ Medi Yesu Akyi

Mfoni
Yesu Kristo rekyerɛ adeɛ wͻ suhyɛn mu

Apryl Stott Nkyerɛkyerɛmu

Dakoro Yesu foroo suhyɛn bi. Ɔsee afarefoͻ no sɛ wͻnto nkͻ nsuo no mu. Ɔsͻre gyinaa suhyɛn noso kyerɛkyerɛɛ ɛdͻm a wͻwͻ asuogya no.

Mfoni
Asomafoͻ no retwe asau a nsuomnam ayɛ mu ma

Afei Yesu ka kyerɛɛ ͻfareni bi a wͻfrɛ no Pɛtro sɛ ͻngu n’asau no wͻ nsuo no mu Pɛtro kaa sɛ ͻnyii nam biara da mu no nyinaa, nanso ͻbɛsan agu asau no bio. Saa mmerɛ yi deɛ, Pɛtro yii nam ma ɛyɛɛ kodoͻ mmienu ma!

Mfoni
Yesu Kristo rekyerɛ Asomafoͻ no adeɛ

Yesu see afarefoͻ no sɛ wͻnnya wͻn akodoͻ no hͻ na wͻnni N’akyi. Na ͻpɛsɛ wͻyɛ n’asuafoͻ

Mfoni
Yesu Asomafoͻ no nsa a wɔde gu nkorɔfoɔ so sa wͻn yareɛ

Yesu asuafoͻ no tiee no wͻ mmerɛ a Ɔkyerɛkyerɛ wͻn faa Ɔsoro Agya no ho. Wͻhwɛɛ Yesu sɛ ͻresa ayarefoͻ yareɛ na ͻrekyerɛ afoforͻ ɔdͻ. Yesu wuuiɛ no akyiri no, asuafoͻ no yɛɛ nea wͻhunuu sɛ Yesu yɛ no Wͻkyerɛkyerɛɛe, saa yareɛ na wͻdͻͻe.

Mfoni
abaayewa rekyekyere abaayewa a ͻresu werɛ

Mɛtumi akyerɛ afoforͻ fa Yesu ho wͻ nea meka ne nea meyɛ mu. Metumi de ayamyɛ asiesie nkorͻfoͻ a wɔdi yeaw. Mɛtumi aboa ahwɛ nkorɔfoɔ a ahia wɔn anaa wɔyare . Mɛkyerɛ ͻdͻ, te sɛ Yesu.

Adwinnie Kratafa

Yesu Akyidie Ma Me Anigyeɛ

Mfoni
1 full-page b&w line art illustration based on theme "Following Jesus Makes Me Happy" A young boy shows his younger brother a picture of Jesus.

Tintim