2022
Joseph Yɛ Ahoboa ma Mmerɛ a Ɛmu yɛ Den
Ɔbɛnem 2022


“Joseph Yɛ Ahoboa ma Mmerɛ a Ɛmu yɛ Den,” Bosome, bosome Adamfoɔ Nkransɛm, Ɔbɛnem 2022

“Joseph Yɛ Ahoboa ma Mmerɛ a Ɛmu yɛ Den”

Bosome bosome Adamfoɔ Nkransɛm, Ɔbɛnem 2022

Joseph yɛ Ahoboa ma Mmerɛ a Ɛmu yɛ Den

Mfoni
Joseph wɔ Faro anim

Apryl Stott Nkyerɛkyerɛmu

Na Joseph yɛ nkɔmhyɛni. Ɔtenaa ase wɔ Misraim Anadwo bi Faro, Misraim hene no, soo ɔdaeɛ nwanwasoɔ bi. Ɔbisaa Joseph ɔdaeɛ no asekyerɛ.

Mfoni
abɔfra a ɔkuta yaawa a hwee nni mu

Onyankopɔn boa maa Joseph tee ɔdaeɛ no ase. Wɔ mfeɛ nson mu, nkorɔfoɔ bɛnya aduane bebree. Afei wɔ mfeɛ nson mu, wɔnnya dodo saa. Joseph kakyerɛɛ Faro.

Mfoni
Joseph rekora burofua wɔ Misraim

Joseph kaa sɛ ɛwɔ sɛ wɔkora aduane seesei Saa no wɔbɛyɛ krado atwɛn mmerɛ a ɛmu yɛ den. Faro de aduane kora no hyɛɛ Joseph nsa. Joseph yɛɛ adwuma den.

Mfoni
Joseph de burofua rema nkorɔfoɔ.

Berɛ a mfeɛ nson kɔm baeɛ no, na nkorɔfoɔ no wɔ aduane bebree a wɔbɛdi. Mpo na wɔwɔ dodo a ɛbɛso ama wɔakyɛ ama afoforɔ.

Mfoni
abusua a wɔrenante abɛn asɔredan

Mɛtumi ayɛ ahoboa seesei. Onyankopɔn tumi nti, mɛtumi afa mmerɛ a ɛmu yɛ den mu!

Adwinnie Krataafa

Ɔsoro Agya Bɛboa Me wɔ Mmerɛ a Ɛmu Yɛ Den mu

Mfoni
anuafoɔ renyam wɔn nsa akyerɛ nante yie.

Mia mfonin no so fa twe.

Nkyerɛkyerɛmu a ɛfiri Apryl Stott hɔ

Berɛ ben na Ɔsoro Agya aboa wo?

Tintim