2022
Mose ne Manna no
Oforisuo 2022


“Mose ne Manna no,” Bosome bosome Adamfoͻ Nkransԑm, Oforisuo 2022

“Mose ne Manna no”

Bosome bosome Adamfoͻ Nkransɛm, Oforisuo 2022

Mose ne Manna no

Mfoni
Mose ne Israelfoͻ mma

Apryl Stott Nkyerɛkyerɛmu

Na Abraham yɛ nkɔmhyɛni. Ͻdii Onyankopͻn mma anim kͻͻ bͻhyԑ asase no ho. Wͻnantee nna bebree.

Mfoni
mmͻfra a wͻwͻ manna

Na ԑkͻm de nnipa no. Na wͻnni aduane biara. Enti Onyankopͻn de aduane firii ͻsoro brԑԑ wͻn. Na wͻfrԑ no manna.

Mfoni
ͻba ne ԑna resiesie manna ho

Anͻpa biara, na nnipa no boaboa manna ano di. Nanso adeԑ bԑkye no, na asԑe. Adekyeԑ biara na ɛwɔ sԑ wͻkͻpԑ foforͻ.

Mfoni
Yesu Kristo ne nkwadaa

Manna no kae yԑn Yesu Kristo. Onyankopͻn tͻͻ manna de kͻgyee nnipa no. Saa ara na ͻde Yesu nso baa asase so bԑgyee yԑn. Da biara yԑhia Yesu, sԑdeԑ da biara yԑhia aduane no.

Mfoni
mmͻfra rehwԑ Yesu Kristo mfoni

Mɛdi Yesu akyi. Ͻbԑma me ahoͻden na waboa me ama mahunu Ne dͻ da biara.

Adwinnie Krataafa

Yԑhia Yesu Da Biara

Mfoni
Yesu Kristo ne nkwadaa

Mia mfonin no so fa twe.

Nkyerɛkyerɛmu a ɛfiri Apryl Stott hɔ

Kwan bͻn so na Yesu fa boa wo?

Tintim