2022
Ruth ne Naomi
Ayɛwohomumɔ 2022


“Ruth ne Naomi,” Bosome bosome Adamfo Nkransɛm, Ayɛwohommumɔ 2022

“Ruth ne Naomi”

Bosome bosome Adamfo Nkransɛm, Ayɛwohomumɔ 2022

Ruth ne Naomi

Mfoni
Ruth reware, ne Naomi abusua

Apryl Stott Nkyerɛkyerɛmu

Naomi ne n’abusua baa asase foforɔ so esiane ɛkɔm nti. Wɔhyiaa abaayewa a wɔfrɛ no Ruth. Ruth waree Naomi babarima.

Mfoni
Ruth ne ne kunu a ɔrewuo

Ruth kunu wuiiɛ. Ruth werɛ hooe.

Mfoni
Naomi

Naomi nso werɛ hooe. Na ɔni abusuani biara a ɔbɛhwɛ no. Ɔyɛɛ adwene sɛ ɔbɛkɔ asase a ɔfiri so baaɛ.

Mfoni
Naomi ne Ruth

Naomi kakyerɛɛ Ruth sɛ ɔnkɔ n’abusua hɔ. Nanso na Ruth dɔ Naomi. Ɔhyɛɛbɔ sɛ ɔne Naomi bɛkɔ na wahwɛ no so.

Mfoni
Ruth resesa aseɛ

Ruth ne Naomi yɛ ahiafoɔ. Nti Ruth yɛɛ adwuma den pɛɛ wɔn aduane.

Mfoni
Boaz ne Ruth wɔ ɛserɛ so

Da bi owura bi a wɔfrɛ no Boaz hunuu Ruth sɛ ɔresesa aduane aseɛ wɔ n’asaase baako so.

Mfoni
Boaz ne nakoa

Boaz yɛɛ ayemyɛ. Ɔkakyerɛɛ n’apaafoɔ sɛ wɔn ngya aduane no bi ma Ruth.

Mfoni
Ruth, Boaz, ne Naomi, ne abofra

Akyire Ruth ne Boaz wareeɛ. Wɔwoo ɔba barima. Naomi boa hwɛɛ no.

Mfoni
abusua rekyɛ aduane

Mɛtumi aboa ahwɛ afoforɔ. Mɛtumi anya ayemyɛ ama wɔn a ahia wɔn.

Adwinnie Krataafa

Mɛtumi Ahwɛ Afoforɔ

Mfoni
mmͻfra ne nanabarima

Mia mfonin no so fa twe.

Nkyerɛkyerɛmu a ɛfiri Apryl Stott hɔ

Hwan na wobɛtumi aboa?

Tintim