2023
Nnwanhwɛfoɔ Kɔsra Abɔfra Yesu
Ɔpɛnima 2023


“Nnwanhwɛfoɔ Kɔsra Abɔfra Yesu,” Adamfoɔ, Ɔpɛnima 2023, 46–47.

Bosome bosome Adamfoɔ Nkransɛm, Ɔpɛnima 2023

Nnwanhwɛfoɔ Kɔsra Abɔfra Yesu

Mfoni
Alt text

Nkyerɛkyerɛmu a ɛfiri Apryl Stott hɔ

Anadwo bi, ɔsoro bɔfoɔ kɔsraa nnwanhwɛfoɔ wɔ asase bi so. Ɔsoro bɔfoɔ no ka kyerɛɛ wɔn sɛ wɔawo abɔfra bi a ne ho hia pa ara. Ne din ne Yesu Kristo. Ɔbɛyɛ nnipa a wɔwɔ wiase nyinaa Agyenkwa. Ɔsoro abɔfoɔ bebree baeɛ. Wɔtoo dwom sɛ, “Animuonyam wɔ sorosoro ma Onyankopɔn, na asomdwoeɛ wɔ asase so, nnipa a wɔsɔ n’ani mu.”

Mfoni
Alt text

Nnwanhwɛfoɔ no yɛɛ ntɛm kɔsraa abɔfra Yesu. Wɔn ani gyee yie sɛ wɔhunuu No!

Mfoni
alt text

Nnwanhwɛfoɔ no kaa Yesu Kristo ho asɛm kyerɛɛ afoforɔ. Na wɔpɛ sɛ obiara te anigyesɛm no.

Ahosuo adwini Kratafa

Mɛtumi ato dwom afa Yesu Kristo ho

Mfoni
alt text wɔ ha

Nkyerɛkyerɛmu a ɛfiri Apryl Stott hɔ

Mɛtumi ato dwom afa Yesu ho de adi N’awoɔ afahyɛ.

Tintim