Adamfoɔ
Onyankopɔn ma Alma ne Amulek Ahofadie
Ayɛwohomumu 2024


“Onyankopɔn ma Alma ne Amulek Ahofadie,” Adamfoɔ, Ayɛwohomumu 2024, 26–27.

Bosome bosome Adamfoɔ Nkransɛm, Ayɛwohomumu 2024

Onyankopɔn ma Alma ne Amulek Ahofadie

Mfoni
Alma ne Amulek reka nsɛmpa

Nkyerɛkyerɛmu firi Andrew Bosley hɔ

Alma neAmulek kɔɔ ahenkuro bi a wɔfrɛ no Ammonihah. Wɔkyerɛkyerɛɛ nkorɔfoɔ Yesu Kristo ho asɛm. Nanso nkorɔfoɔ bo fuu deɛ wɔkyerɛkyerɛɛ wɔn no. Wɔde Alma ne Amulek too afiase.

Mfoni
Kyekyree Alma ne Amulek wɔ afiase

Nkorɔfoɔ no pirapiraa Alma ne Amulek. Wɔhyɛɛ afiase nna bebree.

Mfoni
Afiase afasuo no rebubu twa Alma ne Amulek ho hyia

Alma ne Amulek bɔɔ mpaeɛ srɛɛ ahoɔden. Wɔnyaa gyedie wɔ Onyankopɔn mu. Ɔmaa wɔn tumi de tetee ahoma a ɛkyekyere wɔn nsa no.

Mfoni
Alma ne Amulek a ahoma nkyekyere wɔn nsa gyina nneɛma a asɛe no mu

Afei asase wosoeɛ. Afiase afasuo no dwiri guu fam! Onyankopɔn boa maa Alma ne Amulek ahofadie. Wɔfirii Ammonihah kɔkyerɛkyerɛɛ nkorɔfoɔ afoforɔ Yesu Kristo ho asɛm

Ahosuo adwinnie Kratafa

Menim sɛ Yesu Dɔ Me

Mfoni
Nkwadaa mmienu a abɔdeɛ, twerɛnsɛm, ne tɛmpol atwa wɔn ho ahyia

Nkyerɛkyerɛmu firi Adam Koford hɔ

NNeɛma bɛn na ɛkae wo fa Yesu Kristo dɔ ho?

Tintim