“Nephi Hunu Abadoma Yesu,” Adamfoɔ, Ɔpɛnima 2024, 26–27.
Bosome bosome Adamfoɔ Nkrasɛm, Ɔpɛnima 2024
Nephi Hunu Abadoma Yesu
Nkyerɛkyerɛmu firi Andrew Bosley hɔ
Nephi agya, Lehi, nyaa Yesu Kristo ho anisoadehunu. Na Nephi nso pɛ sɛ ɔhunu saa anisoadehunu no. Ɔbɔɔ mpaeɛ na ɔsrɛɛ sɛ ɔbɛhunu deɛ n’agya hunuui no.
Sunsum Kronkron no de anisoadehunu korɔ no ara kyerɛɛ Nephi. Nephi hunuu ababaawa bi a wɔfrɛ no Maria. Sunsum Kronkron no kaa sɛ ɔbɛyɛ Onyankopɔn Ba, Yesu Kristo maame.
Nephi hunuu Maria ne abadoma Yesu. Sunsum Kronkron no kaa sɛ Yesu bɛba asase so abɛboa Ɔsoro Agya mma.
Nephi hunuu Yesu Kristo abrabɔ. Ɔhunuu No sɛ ɔresom na ɔrekyerɛkyerɛ nkorɔfoɔ. Nephi suaa nneɛma bebree a ɛfa Agyenkwa no ho. Wo nso wobɛtumi asua afa Ne ho berɛ a wokenkan twerɛnsɛm no.
Adwinnie Krataafa
Buronya fa Yesu ho
Nkyerɛkyerɛmu firi Adam Koford hɔ
“Wɔawo akɔkoaa ama yɛn, wɔama yɛn ɔbabrima” (Yesaia 9:6).
© 2024 by Intellectual Reserve, Inc. Wɔakora hokwan ahodoɔ nyinaa so. Wɔtintimm wɔ USA Borɔfo Kasa ho kwan-ma: 6/19. Nkyerɛaseɛ ho kwan-ma: 6/19. Nkyerɛaseɛ ma Bosome bosome Adamfoɔ Nkrasɛm, Ɔpɛnima 2024. Twi. 19350 503