2022
Wɔyɛ Medea na Menim Wɔn
Ɔpɛpɔn 2022


“Wɔyɛ Medea na Menim Wɔn,” De ma Mmabunu Ahoɔden, Ɔpɛpɔn 2022.

Bosome bosome De ma Mmabunu Ahoɔden Nkransɛm, Ɔpɛpɔn 2022

“Wɔyɛ Medea na Menim Wɔn”

Mose 1

Mfoni
abaayewa wɔ dɔm mu

Mfoni a ɛfiri Getty Images

Woabu wo ho abomfiaa pɛn? Ebia woadwene ho saa berɛ a wodwenee nnipa dodoɔ a wɔwɔ wiase anaa nsoromma dodoɔ a ɛwɔ wiem ho. Woadwene ho pɛn sɛ ampa Onyankopɔn nim onipa a woyɛ na w’abrabɔ te sɛn? Sɛ saa a, ɛnneɛ Mose wɔ nkransɛm ma wo.

Wɔ yikyerɛ mu, Onyankopɔn kyerɛɛ Mose biribiara a ɛwɔ asase so ne nnipa a wɔbɛtena soɔ. “Na wɔdɔɔso te sɛ mpoano anwea” (Mose 1:28). Afei Onyankopɔn kakyerɛɛ Mose sɛ “wiase a ɛnni ano” (Mose 1:33)—na N’abɔdeɛ boro deɛ ɛwɔ asase yi so.

Ebia Mose ho dwirii no berɛ a ɔhunuu saa nneɛma yi. Ebia ɛyɛɛ no nwanwa: Ɛhe na mefata wɔ abɔdeɛ bebrebe yi mu? Na ɛyɛ dɛn na Onyankopɔn ani di bebrebe yi akyi?

Na Onyankopɔn mmuaeɛ yɛ tiawa: “Nneɛma nyinaa menim ne dodoɔ.” Kwan bɛn so? “Wɔyɛ medea na menim wɔn” (Mose 1:35). Na Onyankopɔn nim onipa a Mose yɛ, mpo sɛdeɛ Ɔnim ne mma nyinaa, ne N’abɔdeɛ nyinaa. Ne nyinaa yɛ Ne dea—nsoromma no, anwea no ne titire Ne mma a wɔwɔ asase so. Wɔn nyinaa titire nti na wɔyɛɛ asase. Wɔn nkwagyeɛ a ɛnniawieɛ ne N’adwuma a ɛho hia kɛse.

“Na hwɛ, yei ne m’adwuma ne m’animuonyam—sɛ mɛma onipa ɛnniwieɛ asetena ne nkwagyeɛ aba mu” (Moses 1:39).

Sɛdeɛ Mose hunuu baabi a ɔfata wɔ Onyankopɔn nhyehyɛeɛ mu no, wo nso wobɛtumi anya ahotosoɔ sɛ Onyankopɔn nim wo! Ɔreboa wo ama woasane akɔ ne nkyɛn yɛ N’adwuma ne N’animuonyam Adɛn? Ɛfiri sɛ woyɛ Ne dea. Na biribiara nni hɔ a ɛyɛ abomfiaa wɔ ho!

Tintim