2022
Agyapanin nom: Nnipasu a na Wɔyɛ ne Deɛ Enti a Ɛho hia
Ɔgyefuo 2022


“Agyapanin nom:Nnipasu a na Wɔyɛ ne Deɛ Enti a Ɛho hia,” De ma Mmabunu Ahoɔden, Ɔgyefuo 2022.

Bosome bosome De ma Mmabunu Ahoɔden Nkransɛm, Ɔgyefuo 2022

Gyenesis 11–50

Agyapanin nom

Nnipasu a na Wɔyɛ ne Deɛ Enti a Ɛho hia

Ebia woate biribi fa Abraham, Isak, ne Yakob ho. Yɛkenkan faa wɔn ho wɔ Mormon Nwoma no mu na akyinnyeɛ biara nni ho sɛ wobɛte bebree afa wɔn ho berɛ a wosua Apam Dada no afe yi. Sɛdeɛ yɛanya berɛ dodoɔ ama wɔn yi deɛ, ɛbɛyɛ sɛ wɔn ho hia pa ara, woahunu? Nanso ebia worebisa wo ho sɛ, “Adɛn nti na mmarima baasa a wɔtenaa ase mfeɛ mpempem a atwam kɔ ho hia ɛnnɛ?” Ɛweɛ, saa mmuaeɛ no safoa wɔ daapem apam ne bɔhyɛ nhyira a Onyankopɔn de maa wɔn mu.

Abraham

Mfoni
Abraham

Jarom Vogel nkyerɛkyerɛmu

Na Abraham yɛ nkɔmhyɛni kɛseɛ. Na ɔyɛ teneneeni na ɔdii Onyankopɔn mmaransɛm so.

Wɔbɔɔ no asu, ɔnyaa asɔfodie, na wɔsɔɔ ɔne ne yere Sara ano maa daapem.

Onyankopɔn ne Abraham kɔɔ apam sɛ n’asefoɔ bɛyɛ akɛseɛ na wɔanya nhyira korɔ no a ɔnyaeɛ no bi.

Wɔde Yesu Kristo asɛmpa no mayɛ bɛkɔ aman nyinaa mu wɔ asase so.

Isak

Mfoni
Isak

Na Isak yɛ Abraham ne Sara babarima.

Onyankopɔn ka kyerɛɛ Abraham sɛ ɔmfa Isak mmɔ afɔdeɛ. Na Abraham dɔ Isak nanso ɔyii sɛ ɔbɛdi Onyankopɔn asɛm so. Berɛ a Abraham yɛɛ sɛ ɔde Isak rebɛbɔ afɔdeɛ no ara, na ɔsoro bɔfoɔ ka kyerɛɛ Abraham sɛ ɔnnyae. Ɔpɛ a Abraham ne Isak wɔ sɛ wɔbɛdi Onyankopɔn asɛm so no yɛ ahyɛnsodeɛ ma Onyankopɔn Ba a Ɔwoo no Koro no Mpata no.

Wɔhyɛɛ Isak bɔ wɔ nhyira korɔ no ara ho te sɛ Abraham.

Yakob

Mfoni
Yakob

Na Yakob yɛ nokwafoɔ ma Onyankopɔn te sɛ n’agya ne ne nanabarima.

Ɛnam ne nokorɛdie nti, Awurade sesaa Yakob din kɔɔ Israel, a asekyerɛ ne “deɛ ɔne Onyankopɔn tumi” anaa “ma Onyankopɔn ntumi” (hwɛ Twerɛ Kronkron Nsɛm Asekyerɛ Nwoma, “Israel”).

Yakob nyaa mma mmarima 12. Saa mma mmarima yi ne wɔn mmusua na wɔbɛyɛɛ Israel mmusuakuo dummienu no.

Apam a Onyankopɔn ne Abraham yɛɛe no, ɔne Yakob ne ne mma tii mu.

Agyanom Mpanimfoɔ no ne Mo

Woyɛ Asɔreba yi, woka Abraham, Isak, ne Yakob asefoɔ no ho. Apam a wɔne Onyankopɔn yɛɛe no ka wo.

Wowɔ nhyira no ne asɛdeɛ sɛ wodi Agyenkwa no ho adanseɛ na wokyɛ asɛmpa no.

Wɔafrɛ wo nso sɛ to nsa frɛ obiara ma wɔnyɛ na wɔnkora apam na wɔnnye asɔfodie ayɛyɛdeɛ. Titenani Russell M. Nelson aka sɛ yei nyinaa ka Israel anoboaboa no ho, a “ɛyɛ adeɛ a ɛno na ɛhia pa ara a ɛrekɔso wɔ asase so ɛnnɛ” (“Israel Anidasoɔ,” [wiase nyinaa mmabunu som, Ayɛwohomummɔ 3, 2018], 8

Tintim