2022
Sɛn Na Wo Fa Tie No?
Ɔbɛnem 2022


“Sɛn Na Wo fa Tie No?,” De ma Mmabunu Ahoɔden, Ɔbɛnem 2022.

Bosome bosome Mmabunu Ahoɔden Nti Nkransɛm, Ɔbɛnem 2021

Sɛn Na Wo Fa Tie No?

Ɛfiri Oforisuo 2020 amansan nhyiamu kasakyerɛ mu

Mfoni
nwanwadeɛ asiniasini
Mfoni
nkorɔfoɔ kuta nwanwadeɛ asiniasini a ayera

Nkyerɛmu firi Oksana Grivina hɔ

Deɛ ɛka asomdwoeɛ akwankyerɛ a yɛnya firi Sunsum Kronkron hɔ no, wɔ berɛ bi mu, Onyankopɔn ankasa nam tumi so bɔ yɛn mu biara anohoba sɛ Ɔnim yɛn na Ɔdɔ yɛn. Afei, wɔ yɛn berɛ a ɛmu yɛ den mu, Agyenkwa no sane de saa suahunu yi ba yɛn adwene mu.

Dwene wo ankasa w’abrabɔ ho. Saa suahunu yi bɛtumi aba berɛ a ɛsɛ mu wɔ yɛn abrabɔ mu anaasɛ wɔ deɛ ɛdi kan ɛsɛ asɛmhia a ɛsisie. Saa honhom mu mmerɛ yi ba mmerɛ ne akwan hodoɔ so, ankorankoro mu ma yɛn mu biara.

Joseph Smith kyerɛɛ mu sɛ ɛtɔ da a yɛnya “adwene mu ahokeka ntɛm” berɛ ano, brɛ ano nyansa korogyee a ɛba.1

Titenani Dallin H. Oaks, wɔ mmuaeɛ a ɔde maa ɔbarima nokwafoɔ bi a ɔse ɔnyaa saa suahunu no bi da, tuu fo sɛ, “Ebia wo mpaeɛ anoyie aba, aba , nanso wo nsusuiɛ no gyina nsɛnkyerɛnneɛ akɛseɛ anaa ɛnne a ano ɛyɛ den bi so nti wosusu sɛ wo nsa nkaa mmuaeɛ .”2

Ɛnkyɛreeɛ yɛtie Titenani Russell M. Nelson ka sɛ “Meto nsa frɛ mo sɛ mo taa nnwene nkɔ akyiri fa saa asɛmmisa yi ho: Sɛn na mo tie No? Me sane nso to nsa frɛ mo sɛ montu anammɔn ntaa ntie no yie.”3

Atwerɛ

  1. Asɔre no Atitenafoɔ Nkyerɛkyerɛ: Joseph Smith 2007), 132.

  2. Dallin H. Oaks, Life’s Lessons Learned: Personal Reflections (2011), 116.

  3. Russell M. Nelson, “‘Sɛn Na Wo Fa #Tie No?’ A Special Invitation,” Ɔgyefuo 26, 2020, blog.ChurchofJesusChrist.org.

Tintim