2022
Yi bi
Ayɛwohomumɔ 2022


“Yi bi,” De ma Mmabunu Ahoͻden, Ayɛwohomumɔ 2022,

Bosome bosome De ma Mmabunu Ahoɔden Nkransɛm, Ayɛwohomumɔ 2022

Yi bi

Joshua kanyan ne nkorɔfoɔ sɛ wɔnyi deɛ ɛyɛ—sɛ wɔbɛdi Awurade no akyi.

Yi bi

Yɛn akwanya sɛ yɛbɛyi na yayɛ ama yɛn ho no wɔfrɛ no ɔpɛ. Ɛyɛ ahiadeɛ kɛseɛ wɔ Soro Agya no nhyehyɛeɛ mu. Botaeɛ baako wɔ saa abrabɔ mu ne sɛ yɛbɛkyerɛ sɛ yɛbɛyi sɛ yɛbɛdi Nyankopɔn mmeransɛm so sɛdeɛ yɛbɛtumi ayɛ te sɛ Ɔno. Wɔbɛbu yɛn atɛn sɛdeɛ yɛn apɛdeɛ teɛ. (Hwɛ 2 Nifae 2:27; Nkyerɛkyerɛ ne Apam 101; 78; Abraham 3:25.)

ɛda yi

Joshua kanyan ne nkorɔfoɔ sɛ wɔnyi “ɛda yi,” anaa sesiaa. Yɛbɛtumi ayi deɛ ɛho hia paa prɛkopɛ na yabɔ mmɔden agyina pintinn wɔ mu. Hwɛ Nnwom 37:5

som

Wɔ saa twerɛ mu, sɛ wobɛsom kyerɛ ɛsom, mmoa, osetie, ne sɛ wode wo ho bɛsi hɔ ama obi. Moma yɛn nsom Awurade no (hwɛ Mose 1:15).

anyame

Na wahyɛ Isreal sɛ wɔnsom nokorɛ Nyankopɔn teasefoɔ no, Yesu Kristo nkyɛ (hwɛ Eksodus 20:2–5). Joshua maa nhwɛsoɔ fa anyame afoforɔ a ɛnni sɛ ne nkorɔfoɔ som. Anyame afoforɔ wɔ yɛabrabɔ mu tumi yɛ ahonyadeɛ, amamfoɔ nimdeɛ, biribi foforɔ a yɛpɛ—biribiara a ɛtwe yɛn firi Awurade ho.

me ne mefie

Joshua kasa maa ne ho ne ne fiefoɔ. Ɔkaa sɛ wɔbɛsom Awurade no. Na ɔpɛ sɛ ɔdi n’abusua anim wɔ tenenee mu na ɔkyerɛ wɔn sɛ wɔn di Awurade akyi (hwɛ Nkyerɛkyerɛ ne Apam 93:40).

Tintim