2022
Nsuro—Awurade Ka Wo ho.
Kutawonsa 2022


“Nsuro, Awurade Ka Wo ho.,” De ma Mmabunu Ahoɔden , Kutawonsa 2022

Bosome bosome Mmabunu Ahoɔden Nti Nkrasɛm, Kitawonsa 2022

Mɛnsuro—Awurade Ka Wo ho.

Ehu nyɛ ade foforɔ. Firi tete mmerɛ mu,ehuu abrɛ Onyankopɔn mma nhumu ase. Wɔ Ahemfo nwoma a ɛtɔ so mmienu mu, na Syria hene asoma asraafoɔ-dɔm sɛ wɔnkɔkyere nkɔmhyɛni Elisha na wɔnkum no.

“Wɔ aberɛ a [Elisha] akoa sɔree ntɛm, na ɔfirii adie no, na hwɛ, ɛdɔm kɛseɛ bɛtwaa kuro no ho hyiaeɛ, wɔn a wɔtete mponkɔ ne nteaseɛnam so. Na [Elisha] nkoa no see no sɛ, Ao, me wura! yɛbɛyɛ deɛn?” (2 Ahemfo 6:15).

Na ɛyɛ ehu na ɛrekasa.

“Na [Elisha] buaa sɛ, Nsuro: Na wɔn a wɔka yɛn ho dɔɔso sene wɔn a wɔka wɔn ho no.

“Na Elisha bɔɔ mpaeɛ, na ɔkaa sɛ, Aw urade, mesrɛ wo, buen’ani na ɔnhunu. Na Awurade buee abranteɛ no ani na ɔhunuuiɛ na hwɛ, na ogya mpɔnkɔ ne nteaseɛnam ayɛ bepɔ no so ma atwa ahyia Eisha ho ahyia” (2 Ahemfo 6:16–17).

Ebia na yɛnni ogya nteaseɛnam a wɔasoma sɛ ɛmmɛ pamo yɛn suro na ɛnni nkonim wɔ yɛn ahonhommɔne so, nanso asɛm no tɔ asom. Awurade ne yɛn wɔ hɔ, na ɔdwene yɛn ho, na ɔhyira yɛn wɔ akwana Ɔno nko ara na Ɔbɛtumi ayɛ.

Sɛ yɛde yɛn werɛ hyɛ Awurade ne N’akwan mu yie a, na yɛde yɛn ho hyɛ N’adwuma mu a, yɛrensuro sɛnea wiase rekɔ anaa yɛremma no nha yɛn. Awurade hwɛ yɛn so, ɔdwene yɛn ho na ɔgyina yɛn akyi.

Tintim