2022
Sua Yesu Kristo ho Nsɛm na Nya Ne Tumi
Ɛbɔ 2022


“Sua Yesu Kristo ho Nsɛm na Nya Ne Tumi,” De ma Mmabunu Ahoɔden, Ɛbɔ 2022.

Bosome bosome Mmabunu Ahoɔden Nti Nkransɛm, Ɛbɔ 2022

Sua Yesu Kristo ho Nsɛm na Nya Ne Tumi

Ɛfiri Oforisuo 2017 amansan nhyiamu kasakyerɛ mu.

Mɛpɛ sɛ mekyɛ sɛdeɛ yɛbɛtumi atwe yɛn Awurade ne Owura, Yesu Kristo tumi no aba yɛn abrabɔ mu.

Yɛhyɛ aseɛ sua Ne ho nsɛm.1 “Ɛyɛ den ma [yɛn] sɛ wɔgye yɛn wɔ anibugusoɔ mu” (Nkyerɛkyerɛ ne Apam 131:6). Mpɛn dodoɔ a yɛte Agyenkwa no nkyerɛkyerɛ ase ne deɔ Ɔyɛ maa yɛn no, saa mpɛn dodoɔ no na Ɔbɛtumi ama yɛn tumi no a yerehwehwɛ wɔ yɛn abrabɔ mu no.

Sɛ Nna a Ɛdi Akyire Ahotefoɔ no, yɛhunu Ne dwumadie sɛ Yesu Kristo Mpata no, a ɛyɛɛ owusɔreɛ nokorɛ maa obiara na ɛmaa daa nkwa baa mu maa wɔn a wɔsakyera firi wɔn bɔne ho na wɔgye na wɔyɛ ayɛyɛdeɛ ne apam a ɛho hia.

Wɔ Agya no ɛnniawieɛ nhyehyɛeɛ kɛseɛ no mu no, ɛyɛ Agyenkwa no na ɔhunuu amane. Ɛyɛ Agyenkwa no na ɔbubuu owuo mpokyerɛ no. Ɛyɛ Agyenkwa no na ɔtuaa yɛn bɔne ne mmaratoo ho ka na ɔpepa firii hɔ wɔ nnyinasoɔ so sɛ yɛsakyera. Ɛyɛ Agyenkwa no na ɔgye yɛn firi honam ne honhom wuo mu.

Nsɛm Kronkron te sɛ Mpata ne Owusɔreɛ kyerɛkyerɛ deɛ Agyenkwa no yɛɛe no, sɛdeɛ Agya no nhyehyɛeɛ teɛ, sɛdeɛ yɛbɛtena ase abrabɔ yi mu wɔ gyedie mu na yɛanya daa nkwa wɔ wiase a ɛbɛba no mu.

Tintim