2023
Ɛho hia sɛ Yɛbɛwie Pɛyɛ Seesei?
Ɔgyefuo 2023


“Ɛho hia sɛ Yɛbɛwie Pɛyɛ Seesei?” De ma Mmabunu Ahoɔden, Ɔgyefuo 2023

Bosome bosome De ma Mmabunu Ahoɔden Nkransɛm, Ɔgyefuo 2023

Ɛho hia sɛ Yɛbɛwie Pɛyɛ Seesei?

Ɛfiri Ahinime 2017, amansan nhyiamu kasakyerɛ ase.

Mfoni
abranteɛ a ɔrekenkan twerɛnsɛm

Nkyerɛkyerɛmu firi Emily E. Jones Hɔ

Wɔtwerɛɛ twerɛnsɛm no sɛ ɛbɛ hyira na ahyɛ yɛn nkuran na nokorɛ mu wɔyɛ saa. Nanso woahyɛ no nso sɛ ɛtɔ dabi a abasɛm bi bɛpue a ɛbɔ yɛn nkaeɛ sɛ yɛretɔ sini kakra? Sɛ ebia: “Ɛno nti bɛwie pɛyɛ, mpo sɛdeɛ w’Agya ɔwɔ soro wie pɛyɛ no” (Mateo 5:48). Wɔ saa mmaransɛm yi ho no, yɛpɛ sɛ yɛsan kɔda mpa mu na yɛtwe akatasoɔ kuru yɛn tiri ho. Sɛlɛstia botaeɛ bi sei sɛ ɛboro deɛ yɛduru so. Nanso nokorɛ mu, Awurade remma yɛn mmaransɛm bi a Ɔnim sɛ yɛrentumi nni so da.

Mfoni
abaayewa a ɔde kyinii wɔ osuo a ɛretɔ mu

“Aane, bra Kristo nkyɛn, na bɛwie pɛyɛ wɔ ne mu,” Moroni koto srɛ. “Fa wo tumi nyinaa, w’adwene ne w’ahoɔden dɔ Onyankopɔn, afei ɛnam n’adom so woatumi awie pɛyɛ wɔ Kristo mu” (Moroni 10:32; nsisoɔ ka ho). Yɛn anidasoɔ a aka ma nokorɛ mudie yɛ sɛ yɛgye no sɛ akyɛdeɛ firi ɔsoro—yɛrentumi “nya” no saa.

Mfoni
abaayewa de ɔkraman nante foro kɔ soro

Saa asase yi so akwantuo a yɛretu yi, adeyɛ biara nni hɔ a dɛmdie nni ho gye sɛ Yesu deɛ no, ɛno nti berɛ a yɛwɔ ewuo tebea mu no, momma yɛmmɔ mmɔden nya nkɔsoɔ pintinn na yɛn nkwati yɛn ho ne afoforɔ akwanhwɛ mmorosoɔ no.

Mfoni
ɛhyɛn wɔ po ahum mu

Sɛ yɛ tintim, a afei na baabi wɔ yɛn ɛnniawieɛ mu no yɛn buo ne suban pa bɛwie na adi mu—deɛ ɛyɛ Apam Foforɔ nkyerɛaseɛ ma mudie no.

Tintim