2023
Bue W’akoma mu ma Sunsum Kronkron no
Oforisuo 2023


“Bue W’akoma mu ma Sunsum Kronkron no,” For the Strength of Youth, Oforisuo 2023.

Bosome bosome De ma Mmabunu Ahoɔden Nkransɛm, Oforisuo 2023

Bue W’akoma mu ma Sunsum Kronkron no

Saa Yesu Amanehunu berɛ yi, Meda yɛn Soro Agya ase wɔ akyɛdeɛ a ɛyɛ Ne Dɔba, a ɔfirii ne pɛ mu baa asase so bɛyɛɛ yɛn Gyefoɔ. Meda ase sɛ menim sɛ, Ɔbɛpata maa yɛn bɔne na ɔsɔree wɔ Owusɔreɛ no mu. Menya nhyira dabiara sɛ menim no saa, na ɛnam Ne Mpata no nti, dabi mɛtumi asɔre afiri owuo mu ne abusua dɔfoɔ atena afebɔɔ.

Menim saa nneɛma yi nam ɔkwan korɔ a yɛn mu biara bɛtumi ahunu so. Sunsum Kronkron no akasa akyerɛ m’adwene ne m’akoma sɛ yeinom yɛ nokorɛ—ɛnyɛ prɛko, mmom mpɛn pii.

Yɛwɔ bɔhyɛ a ɛsombo pii fa Sunsum Kronkron no ho sɛ ɔyɔnkoɔ. Yɛn asɛdeɛ yɛ sɛ yɛyi sɛ yɛbue yɛn akoma mu kɔso fa Sunsum Kronkron no so gye honhom mu akwankyerɛ ne awerɛkyekyerɛ yɛ nkwa nna mu.

Mfoni
Nhwiren

Nkyerɛkyerɛmu firi Emily E. Jones Hɔ

Ɔpɛ a ɛdi kan yɛ sɛ mobrɛ wo ho ase Onyankopɔn anim.

Mfoni
mpaebɔ nsa

Deɛ ɛtɔ so mmienu, fa gyedie bɔ mpaeɛ wɔ Awurade Yesu Kristo mu.

Mfoni
kɔmpase

Ɛtɔ so mmiɛnsa yɛ sɛ moyɛ setie pɛpɛɛpɛ.

Mfoni
akoma tebea

Na deɛ ɛtɔ so nan yɛ sɛ mobɔ mpaeɛ hunu afoforɔ akoma ne wɔn ahiadeɛ ne sɛdeɛ mobɛboa wɔn ama Awurade.

Mede m’akoma nyinaa bɔ mpaeɛ sɛ mobɛte Honhom no nne, deɛ wɔde ayamye asoma abrɛ mo no. Na mebɔ mpaeɛ sɛ mobɛbue mo akoma mu agye Honhom no berɛbiara sɛ mobɛtumi anya anigyeɛ sɛ moanya no wɔ mo nkyɛn sɛ mo daa daa yɔnkoɔ.

Tintim