De ma Mmabunu Ahoɔden
Deɛn Pɔtee Na Yɛhyɛ Ho Bɔ Berɛ a Wɔbɔ Yɛn Asu no?
Ayɛwohomumu 2024


“Deɛn pɔtee na yɛhyɛ ho bɔ berɛ a wɔbɔ yɛn ssu no?,” De Ma Mmabunu Ahoɔden Ayɛwohomumu 2024.

Bosome bosome De ma Mmabunu Ahoɔden Nkransɛm, Ayɛwohomumu 2024

Deɛn Pɔtee Na Yɛhyɛ Ho Bɔ Berɛ a Wɔbɔ Yɛn Asu no?

Mfoni
asubɔ

Asubɔ, ɛfiri Annie Henrie Nader hɔ

Twerɛnsɛm no kyerɛ yɛn sɛ sɛ yɛbɔ asu a, yɛpam (anaasɛ hyɛ bɔ) sɛ yɛwɔ ɔpɛ sɛ yɛde Yesu Kristo din bɛto yɛn ho so, na yɛadi Ne mmaransɛm so (hwɛ Mosiah 18:10; Nkyerɛkyerɛ ne Apam 20:37, 77).

Yɛsane nso sua wɔ twerɛnsɛm mu sɛ asubɔ boa yɛn ma yɛdi yɛn pɛ so sɛ yɛbɛba Onyankopɔn kuo no mu, na wɔafrɛ yɛn ne nkorɔfoɔ” (Mosiah 18:8). Wɔ nsɛm foforɔ mu no, sɛnti baako a wɔbɔ yɛn asu ne sɛ yɛpɛ sɛ yɛdɔm Yesu Kristo Asɔre no na yɛdi dɛ wɔ ɔdɔ ne nkabom a ɛfiri ka a wɔka yɛn ne Kristo bom mu ba no mu.

Ahofama a yɛde bɛsom Awurade na yɛadi ne mmaransɛm so no bɛtumi ayɛ nneɛma bebree wɔ yɛn asetena nyinaa mu. Nhwɛsoɔ, deɛ ɛka ho ne sɛ “yɛbɛsoa yɛn ho nnesoa, yɛne wɔn a wɔsu no bɛsu; aane, akyekyere wɔn a wɔhia awerɛkyekyerɛ werɛ, na yeagyina sɛ Onyankopɔn adansefoɔ wɔ mmerɛ nyinaa ne nneɛma nyinaa mu, ne mmea nyinaa” (Mosiah 18:9).

Tintim