2018
Sɛyɛbɛnya ayɔnkofa a nteaseɛ wɔ mu
August 2018


Mfoni
Ministering

Ɔsom Akwankyerɛ, Ayɛwohommumɔ 2018

Sɛyɛbɛnya ayɔnkofa a nteaseɛ wɔ mu

Yɛtu mpɔn wɔ kwan a yɛfa so boa afoforɔ sɛ yɛ ne wɔn wɔ ayɔnkofa papa a.

Ɔfrɛ sɛ yɛn som afoforɔ no yɛ akwanya sɛ yɛ ne wɔn bɛnyɛ ayɔnkofa papa—ayɔnkofa a ɛbɛma wɔn agye yɛn mmoa ato mu. Sɛ yɛtumi kyekyere saa ayɔnkofa no a, Nyankopɔn tumi sesa afanu no nyinaa abrabɔ.

“Megyidi sɛ nsakraeɛ papa biara mma agyesɛ ayɔnkofa papa wɔ ho,” Sharon Eubank, Fotufoɔ a Ɔdikan wɔ Amansan Mmaakuo Atitenafoɔ mu na ɔkaaɛ. Na sɛ yɛsom bɛtumi de nsakraeɛ aba afoforɔ abrabɔ mu a, ɔkaa sɛ, na ɛwɔ nnyinasoɔ wɔ “ɔpɛpa a yɛwɔ sɛ yɛbɛtie, aboa na yɛn adi afoforɔ ni.”1

Ayɔnkofa pa nyɛ nkɛkyɛ. Yɛkyekere wɔ tima, mmɔdemmɔ ne “ɔdɔ mapa” so (D&C 121:41).2

Akwan a yɛfaso fa yɔnkoɔ na yɛhyɛ mu den.

“Yɛde nipa baako na ɛhyɛ ayɔnkofa ase,” Ɛlda Dieter F. Uchtdorf a ɔka Asomafoɔ Dumienu ho na Ɔkaaɛ.3 Berɛ a yɛɛbɔ mmɔden afa wɔn a yɛsom yɔnkoɔ no, Honhom Kronkron no tumi boa yɛn. Deɛ ɛdidi soɔ yɛ adwenkyerɛ a ɛfiri Ɛlda Uchtdorf hɔ.4

  • Sua wɔnho asɛm.

    Titenani Ezra Taft Benson (1899-1994) kyerɛɛ sɛ, “Wontumi nsom wɔn a wonnim wɔn yie.” Ɔsusuu sɛ ɛwɔ sɛ yɛ hu abusua no mu nnipa nyinaa din, ne dahianna bi te sɛ, awoda, nhyira, asubɔ ne awareɛ. Wei ma akwanya ma yɛtumi twerɛ krata ana frɛ ma obusuani bi tiri nkwa wɔ ade titiribi a wayɛ.5

  • Ɛne no nni mmerɛ

    Ayɔnkofa de mmerɛ na ɛnyini. Hwehwɛ kwan a wo ne no bɛnya nkitahodie. Nhwehwɛmu ada no adi sɛ sɛ woma afofrɔ hu sɛ wodwene wɔn ho a, ɛma ayɔnkofa nyini.6 Taa sra wɔn a wo ne wɔn som no. Ɛne wɔn nkasa wɔ asɔre. Fa akwanya biara a wonim so—sɛ ebia, email, facebook, instagram, Twitter, Skype, phone anaa sɛ krataa. Ɛlda Richard G. Scott (1928-2015) a Ɔka Asomafoɔ Dumeinu ho kasa faa tumi a ɛwɔ ɔdɔ ne mmoa mu: “mpɛn pii mɛbie me twerɛsɛm mu, … na mehu ɔdɔ ne mmoa ntwerɛɛ a meyere Jeanene de ahyɛ mu. … Saa ntwerɛɛ no gu so sombo ma me awerɛkyekyrɛ ne nkuranhyɛ kwan so.”7

    Kai sɛ, ayɔnkofa yɛ nnipa mmienu adeɛ. Wobɛtumi ada ɔdɔ ne ayɔnkofa adi, nanso ɛmma ayɔnkofa no ntu mpɔn gyesɛ ɔfoforɔ nso gye to mu na ɔyɛ saa bi. Sɛ ɔfoforɔ no annye wo anto mu a, ɛnhyɛ no. Ma no mmerɛ ma no nhu sɛ wo pɛ n’asɛm, sɛ ɛbɛyɛ yie a, wone wo mpanyinfoɔ nsusu ho nhwɛ.

  • Fa ɔdɔ kasa

    Sɛyɛbɛtumi akyekyere ayɔnkofa papa a, na ɛwɔ sɛ yɛbɔ mmɔden. Nkɔmmɔ a ɛhia no bi taai yɛ ɛwiem nsakraeɛ ne nneɛma a ɛnkyerɛ ɔdɔ, gyidie, anisoadehunu ne nneɛma titiri a ɛma twaka pa ba. Ɔsoro Agya ayɛ nhwɛsoɔ ama yɛn wɔ kwan a Ɔne Ne Ba no nya nkitahodie de kyerɛ N’atinka ne Ne dɔ ma no. (Hwɛ John 5:20) Na Ɔnam ne nkɔmhyɛfoɔ so kyerɛ ɔdɔ korɔ no ma yɛn (see Amos 3:7). Berɛ a yɛ ne afoforɔ rekyɛ yɛn abrabɔ mu akwansideɛ a Honhom no ka yɛn ho no, ɛma yɛn anisɔ yɛnho yɛnho suahunu na ɛka yɛn bɔ mu.

    Sɛyɛbɛtie yɛ adeɛ a ɛho hia paa wɔ nkitahodie pa mu.8 Sɛ wotie yie, akwanya a wode boa afofrɔ ma wɔn ba Kristo mu no kɔsoro berɛ a worenya nteaseɛ ne nhunumu fa wɔn ahiadeɛ ho, na wɔn te ɔdɔ ne bammɔ nka firi wo hɔ.

  • “Ebi nom… gyidi sɛ asɔre no pɛ sɛ wɔbɔ nnipa nyinaa firi adeɛ baako mu—sɛ obiara nya atinka baako, adwene baako, ne suban baako,” Ɛlda Uchtdorf na ɔkaaɛ.

    “yei ne Nyankopɔn nyansa bɔ abira, Ɔno a Ɔbɔɔ biara sononko. … “Asɔre no tu mpɔn berɛ a yɛde nsonsonoeɛ a ɛda yɛn ntam no reyɛ adwuma na yɛɛhyɛ yɛn ho-yɛn ho nkuran sɛ yɛmmfa yɛn adom akyɛdeɛ nyɛ adwuma na yɛn hyɛ afoforɔ den.”

    “Asɔre no tu mpɔn berɛ a yɛde nsonsonoeɛ a ɛda yɛn ntam no reyɛ adwuma na yɛrehyɛ yɛn ho-yɛn ho nkuran sɛ yɛmmfa yɛn adom akyɛdeɛ nyɛ adwuma na yɛn hyɛ afoforɔ den.”9

    Sɛyɛbɛtumi adɔ afoforɔ sɛdeɛ Nyankopɔn dɔ yɛn no a, na ɛhia sɛ yɛbɛhu afoforɔ sɛdeɛ Nyankopɔn hu wɔn. Titenani Thomas S. Monson (1927- 2018) kyerɛɛ sɛ, “Ɛwɔ sɛ yɛtu mpɔn nya ɛsu a yɛde hu afoforɔ sɛdeɛ wɔbɛtumi abɛyɛ na ɛnnyɛ sɛdeɛ wɔteɛ ɛnɛ.”10 Yɛbɛtumi abɔ mpaeɛ sɛdeɛ yɛbɛtumi ahu afoforɔ sɛdeɛ Nyankopɔn hu no. Sɛ yɛne afoforɔ nante wɔ deɛ wɔbɛtumi abɛyɛ so a, ɛtumi kanyan wɔn.11

  • Som afoforɔ

    Nya tima ma wɔn a wo som no ahiasɛm na yɛ krado sɛ wobɛnya wɔn ho adaagyeɛ na waboa wɔn, sɛ ɛyɛ hiaberɛ anaa sɛ wopɛsɛ wɔn hu sɛ wodɔ wɔn. Wobɛtumi ayɛ wɔn werɛkyekyefoɔ, boafoɔ wɔ berɛ a atoyerɛnkyɛ bi asi, yareɛ anaa biribi asi. Nanso wɔ ayɔnkofa pii mu no, biribi si ansa na yayɛ biribi. Nyankopɔn ama yɛn ɔpɛ sɛ yɛdebɛyɛ biribi na ɛnnyɛ sɛ biribi bɛhyɛ yɛn so (Hwɛ 2 Nephi 2:14). Sɛdeɛ Ɔsomafoɔ Paul kyerɛɛ sɛ yɛdɔ Nyankopɔn esiane sɛ Ɔdii kan dɔɔ yɛn (hwɛ 1 John 4:19), sɛ afoforɔ te yɛn dɔ nka ɛnam ɔsom a yɛsom a, ɛma wɔn akoma yɛ merɛ na ɛma ɔdɔ ne awerɛhyɛm ba.12 Yei ma yɛnya ayemyɛ su a ɛboa ayɔnkofa.

Sɛyɛbɛsom sɛdeɛ Agyenkwa no yɛɛ.

Na Yesu Kristo ne N’akyidifoɔ wɔ ayɔnkofa papa da wɔn ntam. (hwɛ Yohane 11:5). Na Ɔnim wɔn (hwɛ Yohane 1:47–48). Ɔnyaa wɔn ho adaagyeɛ (hwɛ Luka 24:13–31). Na Ne nkitahodie nyɛ anisoɔ kɛkɛ (hwɛ Yohane 15:15). Na N’ani sɔ nsonsoneeɛ a ɛwɔ wɔn mu (hwɛ Mateo 9:10) na Ɔhuu deɛ wɔbɛtumi abɛyɛ (hwɛ Yohane 17:23). Ɛwom sɛ na Ɔyɛ adeɛ nyinaa mu Awurade,nanso Ɔsom obiara, Ɔkaasɛ Ɔbaa sɛ Ɔsomfoɔ na wamma sɛ yɛn som no (hwɛ Marko 10:42–45).

Ɛdeɛ na wobɛyɛ de akyekyere ayɔnkofa kɛseɛ wɔ wo ne wɔn a wafrɛ wo sɛ som wɔn no ntam?

Atwerɛ.

  1. Sharon Eubank, in “Humanitarian Acts Must Be Rooted in Relationship, Sharon Eubank Says,” mormonnewsroom.org.

  2. See “Ministering Principles: Reach Out in Compassion,” Liahona, July 2018, 6–9.

  3. Dieter F. Uchtdorf, “Of Things That Matter Most,” Liahona, Nov. 2010, 22.

  4. Hwɛ Dieter F. Uchtdorf, “Of Things That Matter Most,” 22.

  5. See Ezra Taft Benson, “To the Home Teachers of the Church,” Ensign, May 1987, 50.

  6. Hwɛ Charles A. Wilkinson and Lauren H. Grill, “Expressing Affection: A Vocabulary of Loving Messages,” Making Connections: Readings in Relational Communication, ed. Kathleen M. Galvin, 5th ed. (2011), 164–73.

  7. Richard G. Scott, “The Eternal Blessings of Marriage,” Liahona, May 2011, 96.

  8. See “Ministering Principles: Five Things Good Listeners Do,” Liahona, June 2018, 6–9.

  9. Dieter F. Uchtdorf, “Four Titles,” Liahona, May 2013, 59.

  10. Thomas S. Monson, “See Others as They May Become,” Liahona, Nov. 2012, 69.

  11. Hwɛ Terence R. Mitchell and Denise Daniels, “Motivation,” in Handbook of Psychology, vol. 12, ed. Walter C. Borman and others (2003), 229.

  12. Hwɛ Edward J. Lawler, Rebecca Ford, and Michael D. Large, “Unilateral Initiatives as a Conflict Resolution Strategy,” Social Psychology Quarterly, vol. 62, no. 3 (Sept. 1999), 240–56.

Tintim