2018
Mo ntu agyina mfa wɔn ahiadeɛ Ho
Ɛbɔ 2018


Mfoni
ministering

Ɔsom Akwankyerɛ, Ɛbɔ 2018

Mo ntu agyina mfa wɔn ahiadeɛ Ho

Ɛni sɛ wo nkoa yɛ saa. Agyinatukuo bɛtumi aboa wo ma waboa afoforɔ

Nyankopɔn afrɛ wo sɛ som obi anaa abusua bi wɔ wo ward ana nkorabata mu sɛdeɛ n’ahiadeɛ teɛ. Kwan bɛn so na wobɛfa ahu saa ahiadeɛ yi? Safoa no ne agyinatuo, akwankyerɛ a ɛdi akotene wɔ Asɔre no mu.

Sɛ yɛsusu deɛ yɛtuu ho agyina no wie a, yɛyɛ deɛ ɛdisoɔ yi hwɛ:

  1. Yɛne Soro Agya no susu ho.

  2. Ɛne onipa anaa abusua a yɛde ama wo no ntu agyina.

  3. Ɛne wo hokafoɔ no ntu agyina

  4. Na wo ne wɔn a wɔde abusua anaa onipa korɔ noara ama wɔn no nso ntu agyina.

Ɛho hia paa sɛ yɛ ne yɛn mpanyinfoɔ nso bɛtu agyina. Ɔsom nkyerɛkyerɛ asɛm a ɛbɛba daakye wɔ Liahona mu no bɛhwɛ sɛdeɛ yɛ ne mpanyimfoɔ tu agyina ne dwuma a ɔsom ho kasasie di wɔ mu.

Deɛ yɛtu ho agyina

Sɛyɛbɛnya ahiadeɛ ho nteaseɛ hia paa wɔ yɛn-ho-yɛn-ho som mu. Deɛn nneɛma saa na ahiadeɛ no tumi yɛ, na biribi wɔ hɔ a ɛwɔ sɛ wo hu anaa?

Ahiadeɛ gu ahodoɔ pii. Ɔhaw a wɔn a yɛsom no tumi kɔ mu no tumi yɛ honam mu, sikasɛm, adesua, atinka mu ne deɛ ɛka ho pii. Ahiadeɛ bi so sen ebi. Ebi wɔ hɔ a yɛbɛtumi aboa; ebi nso wɔ hɔ a, yɛbɛhia mmoa ansa. Wɔ yɛmmɔdemmɔ mu sɛ yɛbɛboa afoforɔ a yɛsom no, yɛnkai sɛ yafrɛ yɛn sɛ yɛmmoa wɔn a yɛsom no ma wɔn ntena apam kwan no mu, nsiesie wɔn ho nnye asɔfodie ayɛyɛdeɛ a ɛhia ma yɛn daa nkwa.

Berɛ a yɛɛtu agyina fa abusua anaa nipa a yɛsom no ahiadeɛ ho no, ɛwɔ sɛ yɛhwehwɛ wɔn ahoɔden nso. Ɛdeɛn na wɔn nhia mmoa wɔ ho? Ɛdeɛn na wɔn bɛtumi ayɛ a ɛbɛtumi ahyira afoforɔ? Ɛkwan sononko bɛn so na wɔbɛtumi aboa akyekyere Nyankopɔn ahemman? Ɛhia sɛ yɛbɛte onipa biara ahoɔden aseɛ sɛdeɛ yɛte wɔn ahiadeɛ aseɛ.

Ɛne Soro Agya no nsusu ho

Yɛn gyedie fapim titiri baako ne sɛ SoroAgya kasa kyerɛ ne mma (hwɛ Gyedie Fapim 1:9). Sɛ yɛma yɛn nipa foforɔ sɛ yɛn som no a, ɛwɔ sɛ yɛne Soro Agya susu ho wɔ mpaeɛ mu, hwehwɛ nhunumu ne nteaseɛ wɔ wɔn ahiadeɛ ne wɔn ahoɔden ho. Ɛwɔ sɛ saa agyinatuo mpaeɛ no toaso wɔ ɔsom berɛ no nyinaa mu.

Ɛne nnipa ne abusua no ntu agyina

Kwan ne berɛ a yɛfa so kɔ nnipa ne abusua a wɔde ama yɛn no da nso nanso ɛwɔ sɛ yɛtumi ne wɔn tu agyina wɔ kasanim so sɛdeɛ ɛde ayɔnkofa ne nteaseɛ bɛba wɔ deɛ wɔn hia ne deɛ wɔpɛsɛ yɛyɛ boa wɔn. Nsɛmmisa no bi wɔ hɔ a, gyesɛ ɛtwɛn ma ayɔnkofa no nyine asa. Ɛwom sɛ kwan baako nni hɔ a ɛkyerɛ saa nanso susu deɛ edidi soɔ yi ho:

  • Bisa wɔn berɛ a wɔpɛsɛ wo ba wɔn nkyɛn

  • Sua nneɛma a wɔpɛ ne sɛdeɛ wɔn teɛ

  • Fa kwan a wobɛtumi de aboa wɔn kyerɛ wɔn na gye wɔn adwene fa ho.

Berɛ a gyedie ɛɛba no, susu ho deɛ onipa anaa abusua no hia. Bisa nsɛm a Honhom Kronkron no bɛka wo sɛ bias.1 Nhwɛsoɔ:

  • Ɔhaw bɛn na wo wɔ mu?

  • Ɛdeɛn ne wɔn anaa wɔn abusua botaeɛ? Nhwɛsoɔ, wɔn pɛ sɛ wɔtu mpɔn wɔ abusua anwumerɛ adesua mu, anaa sɛ wɔbɛde wɔn ho yie?

  • Kwan bɛn so na yɛbɛtumi aboa wɔn wɔ wɔn botaeɛ ne ɔhaw mu?

  • Asɛmpa no ayɛyɛdeɛ bɛn na ɛwɔ sɛ wɔn yɛ ? Kwan bɛn so na yɛbɛtumi aboa wɔn

Kai sɛ wobɛyɛ biribi pɔtee ama wɔn, te sɛ, “Anwumerɛ bɛn na yɛbɛtumi aberɛ wo aduane?” Mmoa traa, te sɛ, “sɛ biribi wɔ hɔ a yɛbɛtumi ayɛ a, ma yɛn hu,”

Ɛne wo ho ka ni no ntu agyina

Esiane sɛ ɛnnyɛ daa na wo ne wo hokafoɔ no sra onipa korɔ ana abusua korɔ, ɛno nti ɛho hia sɛ mobɛtu agyina abom de anya nkuranhyɛ. Wobɛtumi asusu nsɛmmisa yi ho:

  • Mpɛn dodoɔ sɛn na mobɛkasa sɛ ahokafoɔ?

  • Kwan bɛn so na mobɛtumi de mo ahoɔden asom abusua anaa nipa no?

  • Deɛn na w’asua, suahunu bɛn na w’anya, na atinka bɛn na w’anya firi berɛ a mo kasa faa abusua anaa nipa no ho?

Sɛ wo ne afoforɔ nso bɛtu agyina

Ɛho bɛba wo mfasoɔ sɛ wɔ ɛberɛ mu no wo ne wɔn a wɔde saa abusua anaa nipa no nso ama wɔn bɛkasa afa wɔn ho.

Mo nni nkɔmmɔ a ɛbɛ ma wasi ɔhaw ano kwan

Ɛlda Chi Hong (Sam) Wong a ɔka Aduoson kuo no ho de asɛm a ɛwɔ Marko 2 toto ɛnɛ ho kyerɛ kwan a agyinatuo maa nnipa nan tumi de obubuani kɔɔ Yesu anim.

“Ɛbɛtumi asi saa,” Ɛlda Wong na ɔkaaɛ. “na nnipa nan reyɛ adwuma a wɔn Hwɛfoɔ de maa wɔn sɛ wɔnkɔ sra obubuni bi wɔ fie. … Wɔ ward no agyinatuo a ɛnkyɛɛ koraa no, wɔn kasa faa ahiadeɛ a ɛwɔ hɔ na hwɛfoɔ no maa wɔn ‘ɔgyeɛ’ adwuma. Saa nnipa nan yi deɛ ne sɛ wɔmmoa papa yi. …

“berɛ a wɔn duu baabi a Yesu wɔ no, na ɛhɔ ayɛ ma aboroso. Wɔn antumi amfa ɛpono mu anwura mu. Megyedi sɛ wɔyɛɛ deɛ wɔn bɛtumi biara, nanso anyɛ yie. … Wɔn tu agyina wɔ deɛ wɔn bɛtumi ayɛ biom—deɛn na wɔbɛyɛ de papa yi aberɛ Yesus Kristo ma wasa no yadeɛ. … Wɔn yɛɛ nhyehyɛɛ--na ɛnna fam, nanso wɔn tuu so anammɔn.

“… ‘’wɔn paa dan a na Ɔwɔ mu no so na wɔn sanee kɛtɛ a yarefoɔ yi da so no’ (Marko 2:4). …

“… ‘Berɛ a Yesu huu wɔn gyedie no ɔka kyerɛ obubuani no sɛ, Ɔba, wɔde wo bɔne akyɛ wo’ (Marko 2:5).”2

Wato nsa afrɛ yɛn sɛ yɛnyɛ so adwuma

Ɛlda Dieter F. Uchtdorf a ɔka Asomafoɔ Dumienu ho no akyerɛ sɛ, “Montu agyina mmom, mo mfa akwaniasa nyinaa so, mo nhwehwɛ nkuranhyɛ mfiri Honhom Kronkron no hɔ, monsrɛ Awurade penee, na mo mmuka mo ataadeɛ nsa na mo nyɛ adwuma.

“Mehyɛ mo bɔ sɛ: sɛ mo fa saa kwan yi so a, mo bɛnya akwankyerɛ pɔtee afa whan, ɛdeɛn, berɛ bɛn ne baabi a yɛbɛtumi aboa wɔ Awurade no kwan so.”3

Atwerɛ.

  1. See Preach My Gospel: A Guide to Missionary Service (2004), 183.

  2. Chi Hong (Sam) Wong, “Rescue in Unity,” Liahona, Nov. 2014, 14–15.

  3. Dieter F. Uchtdorf, “Providing in the Lord’s Way,” Liahona, Nov. 2011, 55.

Tintim