2018
Nkitaho a ɛkyerɛ ɔdɔ
Ɔsom Akwankyerɛ, Ɔpɛnimaa 2018


Mfoni
ministering

Ɔsom Akwankyerɛ, Ɔpɛnimaa 2018

Nkitaho a ɛkyerɛ ɔdɔ

Akwan ahodoɔ pii wɔhɔ a yɛbɛtumi akyerɛ ɔdɔ, titiri ne Buronyaberɛ Yɛbɛtumi aka, atwerɛ, de ama, de akyɛ, abɔ ho mpaeɛ, ato no dwom, ayɛ no atuu, ahyehyɛ anaa asiesie. Sɔ hwɛ kɛkɛ.

Sɛyɛbɛkyerɛ ɔdɔ akyerɛ afoforɔ yɛ ɔsom nhini. Relief Society Titenani Jean B. Bingham aka sɛ: “Ɔsom papa no, yɛyɛ no baako baako wɔ ɔdɔ nyinasoɔ so. … Sɛ ɔdɔ ne yɛn nyinasoɔ a, anwanwadeɛ bɛsi, na yɛbɛhu kwan a yɛbɛfa so ama yɛn nnuanom a wɔn ‘ayera’ no aba Yesu Kristo asɛmpa mu.”1

Sɛyɛbɛkyerɛ afoforɔ sɛ yɛ dɔ wɔn yɛ adeɛ a ɛhohia wɔ yɛn ayɔnkofa mu. Nanso nnipa ahodoɔ nya nkrasɛm yi wɔ akwan ahodoɔ so. Nti kwan bɛn so na yɛbɛfa akyerɛ ɔdɔ a afoforɔ ani bɛ so na wɔn ate aseɛ? Wei yɛ kwan ahodoɔ a yɛde kyerɛ ɔdɔ, ne me nsusuiɛ ketewabi a wo nso bɛtumi adwen ho

Ka

Ɛtɔda a kwan foforɔ biara nni hɔ ka sɛ yɛbɛka akyerɛ obi atenka a yɛwɔ ma no. Berɛ a yɛreka sɛ yɛdɔ obi no, ɛwɔ sɛ yɛkyerɛ deɛ yɛn ani sɔ wɔ ne ho kyerɛ no. Saa nnyetum yi ma ayɔnkofa tu mpɔn. Hwɛ Ephesians 3:19

  • Hwehwɛ akwanya a wobɛma obi ahu biribi a w’ani sɔ wɔ ne ho.

  • Kɔsra no, frɛ no ana twerɛ no krata a ɛkyerɛ no sɛ woredwene ne ho.

Sra no

Sɛwobɛnya berɛ ne obi adi nkɔmmɔ na watie no yɛ kwan kɛseɛ a ɛkyerɛ sɛ wɔn sombo ma wo. Ɛmfaho sɛ wobɛkɔ efie, asɔre ana baabi foforɔ, nnipa pii wɔhɔ a wɔhia obi ne no abɔ nkɔmmɔ (Hwɛ Mosiah 4:26; D&C 20:47.)

  • Hyehyɛ nsrahwɛ wɔ sɛdeɛ nipa no mmerɛ teɛ. Gye berɛ tie no na te ne tebea no aseɛ.

  • Sɛ ɛyɛ den sɛ yɛbɛkɔ nsrahwɛ ɛnam kwan tenten ana biribi nti a, yɛbɛtumi agye berɛ ahyia sɛ yɛpɔn asɔre a.

Fa botaeɛ som

Ma w’ani nkɔ deɛ nipa ana abusua no hia ho. Ɔsom a botaeɛ wɔm kyerɛ ɔdɔ Ɛka mmerɛ ne adwene pa bom. Onuabaa Bingham sɛ “Ɔsom nketenkete tumi nya nsusuansoɔ akɛseɛ wɔ afoforɔ so,”2

  • Som wɔ kwan a ɛhyɛ abusua ana nipa no den, te sɛ wobɛhwɛ wɔn mma so ama wɔn akɔ tɛmpol.

  • Hwehwɛ kwan a wobɛma afoforɔ nnesua ayɛ ha ama wɔn, tesɛ wobɛboa wɔ asiesie, mmoa hwɛ mu ne mfikyere adɔ mu.

Monyɛ nneɛma mmom

Nnipa bi wɔ hɔ a wɔn nni twaka wɔ nkitahodie mu. Ɛbi nom wɔ hɔ a, wɔnya twaka wɔ nneɛma a wɔn pɛ na wɔnya berɛ yɛ bom. Awurade no aka sɛ “ɛne wɔn ntena na hyɛ wɔn den” (D&C 20:53) yɛn nnuanom.

  • Monkɔnante, mo nhyehyɛ agorɔ, mongye berɛ ntenetene mo apommu mmom.

  • Mo nsom mmom wɔ Asɔre adwuma mu ana ɔman dwuma bi mu

Ma akyɛdeɛ

Ɛtɔda a berɛ ne akwanya a yɛdedi nkɔmmɔ sua. Wɔ amammerɛ pii mo no akyɛdeɛ yɛ adeɛ a ɛkyerɛ tema ne ɔdɔ. Mpo sɛ ɛwɔ hɔ a na sɛ yɛkyɛ adeɛ a ɛkyerɛ sɛ yɛwɔ ɔpɛ bi sɛ yɛbɛnya ayɔnkofa. (Hwɛ Proverbs 21:14.)

  • Fa wɔn pie.

  • Ɛne wɔn nkyɛ asɛm bi, twerɛsɛm, ana nkransɛm bi a wotenka sɛ ɛbɛboa wɔn.

Ɔdɔ adwuma

Berɛ a wobɛhu wɔn a wo som ne wɔn a wonya wɔn ho nkuranhyɛ no, wobɛhu kwan pɔtee a wobɛfa so akyerɛ wo dɔ ne tema ama wɔn mu biara.

Kimberly Seyboldt a ɔfiri Oregon, USA ka abasɛm bi a ɛkyerɛ kwan a yɛnya nkuranhyɛ na yɛma akyɛdeɛ de kyerɛ ɔdɔ:

“sɛ ɔbra ne nkɔ yie a, me sɔre na meyɛ zucchini brodo, bɛyɛ sɛ nwɔtwe. Adea sononko a mede gu mu yɛ mpaeɛ a mebɔ aberɛ a mereto no sɛ whan na ɔhia brodo no. Matumi ahu menuanom a wɔte menkyɛn aberɛ a mede Zucchini brodo hyehyhyeehye bɛkɔ wɔn afie mu.

“Da ko awia bi, megyina wɔ abusua bi a na wɔn tɔn akosuatuntum wɔ kwan nkyɛn. Na menhia bi nanso abamuwa ketewa baako a na ɔgyina ho no ani gyeeɛ sɛ ɔhuu me, na ɛyɛ no sɛ merebɛto bi. Me tɔɔ akosuatuntum no bi, nanso me saa maa no akyɛdeɛ. Me maa abamuwa brodo mmienu. Ɔdanee n’ani kyerɛɛ ne papa, na ɔkaa sɛ, ‘Hwɛ, dada, yɛanya deɛ yɛbɛdi no ɛnɛ.’ Nnaaseɛ hyɛɛ me ma sɛ menyaa akwanya kyerɛɛ ɔdɔ wɔ kwan ketewa yi so.”

“yɛn mpaeɛbɔ ɛnɛ, ne sɛ ɔbaa ne barima biara—ne yɛn mmabunu mmaa ne mmarima—bɛnya ɔpɛpa de ahwɛ wɔnho-wɔnho a ɛbɛfiri ɔdɔ mapa a ɛwɔ Kristo mu.” Moma yɛn nsom wɔ Awurade a bobitro no yɛ Nedea no nkyɛn, yɛn mmoa Nyankopɔn ne yɛn nyinaa Agya wɔ N’adwuma sono sɛ Ɔbɛbua mpaeɛ, ama ahotɔ, apepa anisuo, na wahyɛ kotodwe a agoɔ den.”3

Yesu Kristo Dɔ yɛn

Aberɛ a Yesu Kristo nyanee Lazarus firii owuo mu no, Yesu suuiɛ.

“Na Jewfoɔ no kaa sɛ, Hwɛ sɛdeɛ Ɔdɔɔ no!” Yohane 11:35–36

Kristo kakyerɛɛ Nefaefoɔ no sɛ,” Mewɔ tema ma mo” Na Ɔfrɛɛ sɛ wɔn mfa ayarefoɔ, anifrafoɔ ne abubuafoɔ mra na “Ɔsaa wɔn yareɛ” (hwɛ 3 Nefae17:7–9).

Agyenkwa no yɛɛ nhwɛsoɔ maa yɛn sɛdeɛ yɛbɛdɔ afoforɔ. Ɔdɔ yɛn.

Dɔ Awurade wo Nyankopɔm w’akoma nyinaa mu ne wo kra nyinaa mu, ne w’adwene nyinaa mu.

“Yei ne mmara no mu kɛseɛ ne deɛ ɛdi kan.

“Na deɛ ɛtɔ so mmienu no te sɛ ɛno, Dɔ wo yɔnko sɛ wo ho.” (Matthew 22:37–39).

Whan na ɔhia wo dɔ? Kwan bɛn na wobɛkyerɛ wɔn wo dɔ?

Atwerɛ.

  1. Jean B. Bingham, “Ministering as the Savior Does,” Liahona, May 2018, 106.

  2. Jean B. Bingham, “Sɛyɛbɛsom sɛdeɛ Agyenkwa no yɛ no,” 104.

  3. Jeffrey R. Holland, “Be With and Strengthen Them,” Liahona, May 2018, 103.

Tintim