Twerɛnsɛm
Mosaya 17


Ti 17

Alma gyedi na ɔtwerɛ Abinadae nsɛm no—Abinadae wu wɔ egya mu—Ɔhyɛ nkɔm sɛ wɔn a wɔrekum no no bɛyare na wɔnam egya mu na wɔbɛwu. Bɛyɛ mfinhyia 148 ansa na wɔrebɛwo Kristo.

1 Na afei ɛbaa sɛ mmerɛ a Abinadae wiee saa nsɛm yi ka no, ɛna ɔhene no hyɛɛ sɛ asɔfoɔ no mfa no nkɔ ma wɔnkum no.

2 Na na baako bi wɔ wɔn mu a ne din de Alma, na ɔsan nso yɛ Nifae aseni. Na ɔyɛ aberanteɛ, na ɔgyee nsɛm a Abinadae kaeɛ no dii, ɛfiri sɛ ɔnim amumuyɛdeɛ a Abinadae akasa atia no; ɛno nti ɔhyɛɛ aseɛ srɛɛ ɔhene no sɛ ɛmma ne bo mfu Abinadae na ɔmma no nkɔ asomdwoeɛ mu.

3 Na ɔhene no bo fuui yie, na ɔmaa kwan sɛ wɔnyi Alma mfiri wɔn mu, na ɔsomaa n’asomfoɔ no dii ne akyi sɛ wɔnkɔ kum no.

4 Na ɔdwane firii wɔn anim na ɔde ne ho kɔsie maa wɔanhunu no. Na ɔde ne ho sie nna bebree mu no, ɔtwerɛɛe nsɛm a Abinadae kaae no nyina ara.

5 Na ɛbaa sɛ ɔhene no hyɛɛ sɛ wɔn a wɔbɔ ne hoban no ntwa Abinadae ho nhyia na wɔmfa no; na wɔnkyekyere no na wɔmfa no nto afiase.

6 Na nansa akyiri no a ɔne n’asɔfoɔ tuu agyina wieeɛ no, ɔhyɛɛ sɛ wɔmfa no mmera n’anim bio.

7 Na ɔsee no sɛ: Abinadae, yɛanya biribi atia wo, na wo sɛ owuo.

8 Ɛfiri sɛ waka sɛ Onyankopɔn no ara ankasa bɛsane aba nnipa mma mu; na afei, yei nti wɔbɛkum wo gye sɛ wotwe nsɛm a waka yi nyina ara a ɛyɛ bɔne fa me ne me nkurɔfoɔ ho no san.

9 Afei Abinadae see no sɛ: Mese wo sɛ merentwe nsɛm a maka no a ɛfa saa nkurɔfoɔ yi ho no nsan, ɛfiri sɛ ɛyɛ nokware; na sɛ mama wobɛhunu ne nokware a ɛyɛ nti na mama me ho kwan abɛtɔ wo nsa mu no.

10 Aane, na mɛhunu amane akɔsi owuo mu mpo a, merentwe me nsɛm no nsan, na ɛbɛgyina hɔ sɛ adanseɛ atia mo. Na sɛ mo kum me a, mobɛka mogya a ɛdi bem agu, na yei nso bɛgyina hɔ sɛ adanseɛ atia mo wɔ ɛda a ɛdi akyire no.

11 Na afei anka ɔhene Noa regyae ne mu, ɛfiri sɛ na ɔsuro n’asɛm; na ɔsuro sɛ Onyankopɔn ntɛmmuo bɛba ne so.

12 Mmom asɔfoɔ no maa wɔn nne so tia no, na ɔhyɛɛ aseɛ kasa tiaa no kaa sɛ: Wakasa ahunahuna ɔhene no. Ɛno nti ɛkenyan ɔhene no abufuo wɔ ne so, na oyii no mae sɛ wɔnkɔ kum no.

13 Na ɛbaa sɛ wɔfaa no kyekyeree no, na wɔde mabaayɛnten hwee no, aane dekɔsi owuo mu mpo.

14 Na afei mmerɛ a egyaframa no hyɛɛ aseɛ sɛ ɛrehye no no, ɔteaa mu see wɔn sɛ:

15 Hwɛ, mpo deɛ mo de ayɛ me yi no, saa ara na ɛbɛba sɛ mo asefoɔ nso bɛma nnipa bebree ahunu amaneɛ a merehunu yi bi, wɔ egya yea mu wuo mpo; na yei bɛsi ɛfiri sɛ wɔgye Awurade wɔn Nyankopɔn nkwagyeɛ no di.

16 Na ɛbɛba sɛ ɛnam mo amumuyɛ nti mobɛhunu amane wɔ yareɛ ahodoɔ bebree mu.

17 Aane, na nsa biara bɛbɔ mo, na wɔbɛpamo mo na wabɔ mo apete na moadi akɔneaba sɛdeɛ nnwan a wɔn ho yɛhu repamo mmoakuo a wɔayɛ kekakeka ho.

18 Na saa da no mu na wɔbɛhwehwɛ mo, na mo atamfo nsa bɛka mo, na ɛhɔ na mobɛhunu amane, sɛdeɛ merehunu owuo amaneɛ wɔ egya mu no.

19 Saa na Onyankopɔn de awerɛtɔ bɛba wɔn a wɔsɛe ne nkurɔfoɔ no so. O Onyankopɔn, gye me kra.

20 Na afei, Abinadae kaa saa nsɛm yi wieeɛ no, ɔhwee fam, na owuui wɔ egya no mu; aane, wɔkum no ɛfiri sɛ wɔampo Onyankopɔn mmaransɛm, na ɔde ne wuo sɔɔ ne nokware a ɛwɔ ne nsɛm ho no ano.

Tintim