2021
Wɔbɔɔ Yesu Asu
Ɔgyefuo 2021


“WɔBɔɔ Yesu Asu,” Friend, Ɔgyefuo 2021

Bosome bosome Adamfo Nkransɛm, Ɔgyefuo 2021

Wɔbɔɔ Yesu Asu

Mfoni
Yohane Osubɔni no adekyerɛ

Apryl Stott Nkyerɛkyerɛmu

Na Yohane Osubɔni no yɛ nkɔmhyɛni kɛseɛ. Ɔkyerɛkyerɛɛ nkorɔfoɔ adwensakyera na ɔbɔɔ wɔn asu.

Mfoni
Yohane Osubɔni no rebɔ asu

Da bi naYohane rebɔ asu wɔ Jordan Asubɔntene mu. Yesu baee bɛsee Yohane sɛ ɔmmɔ No asu. Na Yohane nim sɛ bɔne nni Yesu ho. Enti adɛn nti na Yesu pɛɛ sɛ wɔbɔ no asu?

Mfoni
Yesu Kristo

Yesu see no sɛ Ɔhia sɛ ɔdi mmaransɛm no nyinaa so. Sɛ wabɔ asu yɛ mmaransɛm.

Mfoni
Yohane Osubɔni no rebɔ Yesu asu

Yohane bɔɔ Yesu asu wieeɛ no, aburuburo baeɛ bɛkyerɛɛ sɛ Honhom Kronkron no wɔ hɔ. Ɔsoro Agya no nne firii soro baeɛ, kaa sɛ, “Oyi ne me dɔ Ba a,ɔsɔ m’ani” (Mateo 3:17).

Mfoni
agya ne ɔba baa wɔ asubɔ mu

Yɛbɛtumi adi mmaransɛm no so na yɛama wɔabɔ yɛn asu, te sɛ Yesu. Afei wɔbɛtumi ahyɛ yɛn den na yɛagye Honhom Kronkron akyɛdeɛ no nso.

Adwinnie Krataafa

Meda Me Honam ho Ase

Mfoni
adwinnie krataafa

Tintim