2021
Yesu Maa Yɛn Adidikronkron no
Ayɛwohomumɔ 2021


“Yesu Maa Yɛn Adidikronkron no,” Adamfo Ayɛwohomumͻ 2021

Bosome bosome Adamfo Nkransɛm, Ayɛwohomumɔ 2021

Yesu Maa Yɛn Adidi kronkron no

Luka 22-24

Mfoni
Adidie a Ɛtwa toͻ No

Apryl Stott Nkyerɛkyerɛmu

Na Yesu nim sɛ Ne nna wͻ asase so reyɛ aso. Ɔboaboaa N’Asomafoͻ no ano Adidie a Ɛtwa toͻ no nti. Ɔmaa wͻn adidikronkron no na Ɔka kyerɛɛ wͻn sɛ wͻnkae No berɛbiara.

Mfoni
Yesu wͻ Gethsemane Turo mu

Yesu kͻͻ turo bi mu kͻbͻͻ mpaeɛ. Ɔpira maa bͻne ne awerɛho nnoͻma nyinaa a ɛwͻ onipa biara abrabͻ mu. Na Ɔwuu wͻ asennua so ɛna wͻsiee no ͻboda mu.

Mfoni
mmaa rekͻsra Yesu ͻbodan no

Kwasiada anͻpa no Yesu wuo no akyi no, mma bi baa ͻbodan no ho. Na wͻayi ɛboͻ a ɛwͻ ɛpono no ano no afiri hͻ, na na hwee nni ͻboda no mu! Na Yesu wͻ he?

Mfoni
Yesu ne Mary Magdalene rekasa

Na waba nkwa mu bio! Mary Magdalene hunuu Yesu. Ɔkɔsraa N’Asomafoɔ no sɛdeɛ wɔbɛyɛ krado akyerɛkyerɛ asɛmpa no berɛ a wasan kɔ ɔsoro no.

Mfoni
abusua a wͻrefa adidi kronkron no

Sɛ mefa adidikronkron no a, mekae Yesu. Mekae sɛ ͻtenaa ase na owuuiɛ na wͻnyanee no maa me!

Adwinnie Kratafa

M’abusua yɛ Soronko

Mfoni
abusua wͻ adidipono ho

Tintim