2021
Paulo Sakyera
Kitawonsa 2021


“Paulo Sakyera,” Adamfo, Kitawonsa 2021

“Paulo Sakyera”

Bosome bosome Adamfo Nkrasɛm, Kitawonsa 2021

Paulo Sakyera

Asomafoɔ 9:1–22; 13:9

Mfoni
Paulo team gu ɔbarima so

Yesu wuui akyiri no, N’asuafoɔ no kɔɔ so kyerɛkyerɛɛ nkorɔfoɔ. Nanso ɛnyɛ obiara na ɔpɛɛ deɛ wɔkyerɛɛe no. Ɔbarima bi a na ɔde Paulo titire tanee wɔn a wɔdii Yesu akyi no.

Mfoni
hann pue wɔ Paulo so

Dakoro bi berɛ a Paulo retu kwan no, ɔhunuu hann bi a ɛhyerɛn firi ɔsoro. Ɔtee Yesu nne! Yesu kakyerɛɛ Paulo sɛ ɔnsakyera na ɔnni N’akyi.

Mfoni
Paulo rekata n’ani

Hann a ɛhyerɛn no firaa Paulo ani. Ɔkronkroni bi a ɔde Ananias saa Paulo ani yadeɛ. Paulo yii sɛ ɔbɛbɔ asu.

Mfoni
Paulo kasakyerɛ ɛdɔm

Ɛno akyi, Paulo kyerɛkyerɛɛ nkorɔfoɔ Yesu Kristo ho asɛm. Na ɔyɛ ɔsɛmpakani kɛseɛ, ɔkyerɛkyerɛni, ne ɔkannifoɔ wɔ Kristo Asafo mu.

Mfoni
abaayewa rekyekyere n’adamfo werɛ

Mɛtumi ayi sɛ mɛyɛ ayamyɛ sene sɛ mɛyɛ otirimmuɔdenfoɔ. Mɛtumi ataa ayi no berɛbiara sɛ mɛdi Yesu akyi.

Adwinnie Kratafa

Paulo Hunuu Yesu

Mfoni
Paulo hunu Yesu

Nkyerɛkyerɛmu a ɛfiri Apryl Stott hɔ

Tintim