2021
Yesu Kaa sɛ Kyɛ Asɛmpa no
Ɔsanaa 2021


“Yesu Kaa sɛ Kyɛ Asɛmpa no,” Adamfo, Ɔsannaa 2021

“Yesu Kaa sɛ Kyɛ Asɛmpa no”

Apam Foforɔ Ayɛsɛm ma Akenkanfoɔ Nkumaa

Yesu Kaa sɛ Kyɛ Asɛmpa no

Mateo 28 ne Asomafoɔ no Nnwuma 1

Mfoni
Yesu a wasɔre afiri owuo mu rekasa kyerɛ nkorɔfoɔ

Yesu wu sɔreeɛ akyire no, Ɔkɔsraa N’akyidifoɔ no. Ɔka kyerɛɛ N’Asomafoɔ no sɛ wɔnkyerɛkyerɛ nnipa nyinaa ma wɔnni mmaransɛm no so na wɔmmɔ asu.

Mfoni
Yesu a wasɔre afiri owuo mu rekasa kyerɛ Pɛtro

Pɛtro na na seesei ɔyɛ nkɔmhyɛni a ɔbɛdi Asɔre no anim wɔ asase so. Yesu hyɛɛ bɔ sɛ Honhom Kronkron no bɛka wɔn ho.

Mfoni
Yesu resan akɔ ɔsoro

Ɔkyerɛkyerɛɛ N’akyidifoɔ no wieeɛ no, Yesu sanee kɔɔ ɔsoro.

Mfoni
asomafoɔ a wɔretu kwan

Asomafoɔ no hyɛɛ aseɛ tutuu kwan kyerɛkyerɛɛ nkorɔfoɔ wɔ nsase afoforɔ so.

Mfoni
mmɔfra ahomegyeɛ nhyiamu

Me nso mɛtumi aboa akyɛ asɛmpa no. Mɛtumi ayɛ adamfo papa na magyina ama deɛ ɛtene.

Adwinnie Kratafa

Yesu Pɛ sɛ Mekyɛ Asɛmpa no

Mfoni
abɔfra baako ne ɔfoforɔ rekyɛ Adamfo nwoma no baako

Mia mfonin no so fa twe.

Nkyerɛkyerɛmu a ɛfiri Apryl Stott hɔ

Tintim