2021
Paulo Asɛmpatrɛ Akwantuo
Ahinime 2021


“Paulo Asɛmpatrɛ Akwantuo,” Adamfoɔ, Ahinime 2021

“Paulo Asɛmpatrɛ Akwantuo”

Bosome bosome Adamfoɔ Nkransɛm, Ɛbɔ 2021

Paulo Asɛmpatrɛ Akwantuo

Filipifoɔ 4

Ɔsomafoɔ Paulo tuu kwan kɔɔ nsase ahodoɔ so kyerɛkyerɛ nkorɔfoɔ faa Yesu ho. Na kaa anaa wiemhyɛn nni hɔ saa berɛ no, enti ɔnantee pa ara! Mmerɛ bi wɔ hɔ a na ɔde suhyɛn na ɛtu kwan.

Mfoni
Paulo rekyerɛkyerɛ nkorɔfoɔ wɔ kuropɔn bi bɔntene so

Paulo kyerɛkyerɛɛ nkorɔfoɔ wɔ nsɔre ne afie mu. Ɔkyerɛkyerɛɛ nkorɔfoɔ wɔ mmepɔ pampam ne kuropɔn mmɔntene so.

Mfoni
Paulo rehwɛ anomaa bi firi nneduafie akyiri

Nkorɔfoɔ bebree ampɛ deɛ Paulo kyerɛkyerɛeɛ no. Mmerɛ bi wɔ hɔ a wɔde Paulo kɔtoo afiase. Mmerɛ bi wɔ hɔ a Paulo yaree.

Mfoni
Paulo nam anammɔn kwan bi so

Nanso wɔ saa mmerɛ a ɛmu yɛ den yi nyinaa mu, na Paulo wɔ gyedie. Ɔkaa sɛ, “Metumi ade nyinaa yɛ wɔ Kristo mu.” Na ɔnim sɛ Yesu bɛboa no ma wayɛ den.

Mfoni
awofoɔ reboa abaayewa bi ma waka ne dadepɔnkɔ

Yesu Kristo bɛtumi aboa me nso ma mayɛ den. Ɔdɔ me, ɛna medɔ No!

Adwinnie Krataafa

Kristo Bɛtumi Aboa Me Ma Mayɛ Nneɛma a Ɛyɛ Den.

Mfoni
abɔfra rebɔ mpaeɛ berɛ a ahum retu wɔ abɔntene

Mia mfonin no so fa twe.

Nkyerɛkyerɛmu a ɛfiri Apryl Stott hɔ

Tintim