2022
Reboa Ahiafoɔ ne Ahohiahiafoɔ—Nyifirimu
Obubuo 2022


Bosome bosome Laehona Nkransɛm, Obubuo 2022

Reboa Ahiafoɔ ne Ahohiahiafoɔ

Nyifirimu

Mfoni
Oaks nkaebɔ nwoma

Yesu Kristo Asɔre a ɛwɔ hɔ ma Nna a ɛdi Akyire Ahotefoɔ kyerɛkyerɛ na wɔyɛ yiedie bebree ne adɔeɛ som ma yɛn yɔnko nnipa nam yɛn so sɛ n’asafomma. Sɛ ebia, bosome ahyɛaseɛ biara, yɛkyene ɛkɔm na anyɛ bi koraa no, yɛyi ɛtoɔ a ɛsom aduane a yɛannie no de boa ahiadeɛfoɔ wɔ yɛn asafo mu. Asɔre no nso yɛ ntoboa akɛseɛ ma adɔeɛ ne som afoforɔ fa wiase nyinaa.

Ɛmmfa ho ne deɛ yɛn Asɔre no yɛ pɔtee, yɛyɛ adɔeɛ som bebree ma Onyankopɔn mma wiase afanan nam nkorɔfoɔ ne akuakuo a wɔne yɛn Asɔre no nni ntoamu papa biara.

Yesu Kristo Asɔre wɔ ahofama sɛ wɔsom ahiadeɛfoɔ, na ɔsan nso wɔ ahofama ne afoforɔ ka bɔ mu wɔ saa mmɔdemmɔ no mu. 

Ɛnnɛ mmerɛ yi adiyisɛm kyerɛkyerɛ sɛ yɛn Agyenkwa, Yesu Kristo, yɛ “nokorɛ hann a ɛhran onipa biara a ɔba wiase yi mu” [Nkyerɛkyerɛ ne Apam 93:2]. Ɛnam yei so, Onyankopɔn mma nyinaa nya nteaseɛ sɛ wɔsom No ne wɔn ho wɔn ho kɔ wɔn nimdeɛ ne ahoɔden wɔwɔ mu. 

Ɛwɔ sɛ yɛn mu dodoɔ no hunu papa a afoforɔ ayɛ na yɛboa berɛ a yɛwɔ berɛ ne nneɛma a yɛde bɛyɛ saa.

Medi Yesu Kristo ho adanseɛ, ɔno a ne hann ne Honhom kyerɛ Onyankopɔn mma nyinaa kwan wɔ ahiafoɔ ne ahohiahiafoɔ mmoa mu wiase nyinaa mu.

Tintim