2022
Yesu Din Ahodoɔ
Ɔpɛnima 2022


“Yesu Din Ahodoɔ,” Bosome bosome Adamfoɔ Nkransɛm, Ɔpɛnima 2022.

“Yesu Din Ahodoɔ”

Bosome bosome Adamfoɔ Nkransɛm, Ɔpɛnima 2022

Yesu Din Ahodoɔ

Mfoni
Hesekiel retwerɛ

Apryl Stott Nkyerɛkyerɛmu

Nkɔmhyɛfoɔ bebree kyerɛkyerɛɛ Yesu Kristo ho nsɛm. Wɔkaa sɛ wɔbɛwo No na wabɛkyerɛ yɛn sɛdeɛ yɛbɛbɔ bra. Wɔde din ahodoɔ kyerɛɛ Ne ho nsɛm.

Mfoni
Twerɛ Kronkron ne Mormon Nwoma

Ɛtɔ da a wɔ twerɛnsɛm mu no wɔfrɛ Yesu Immanuel. neEdin no asekyerɛ “Onyame ne yɛn wɔ hɔ.”

Mfoni
Twerɛ Kronkron a wɔretintim wɔ nwoma tintim bea a ɛdi kan so.

Wɔ sane nso frɛ Yesu Mesaia Mesaia kyerɛ “deɛ wɔasra no ngo.” Yesu wu maa yɛn sɛdeɛ yɛbɛtumi ne Onyankopɔn atena bio.

Mfoni
Joseph Smith rekyerɛ Mormon Nwoma no ase a Emma yɛ ɔtwerɛtwerɛfoɔ.

Yesu ne yɛn Agyenkwa. Ɔgye yɛn nkwa firi yɛn bɔne ne owuo mu.

Mfoni
Yesu Kristo
Mfoni
abusua rekenkan twerɛnsɛm

Yesu din foforɔ ne Asomdwoeɛ Hene Sɛ ehu bɔ yɛn anaasɛ yɛn bo fu a, Ɔbɛtumi aboa yɛn ma yɛanya asomdwoeɛ ɛnam Sunsum Kronkron no nti.

Mfoni
nkwadaa ne ɔbarima a ɔte mmubuafoɔ akonwa mu a wɔrekenkan twerɛnsɛm

Medɔ Yesu Kristo. Mɛtumi asua N’abrabɔ ne Ne dɔ ho nsɛm wɔ twerɛnsɛm mu.

Adwinnie Krataafa

Medɔ Yesu Kristo

Mfoni
Nkwadaa ne akyerɛkyerɛfoɔ wɔ Mfitiaseɛ hɔ.

Mia mfonin no so fa twe.

Nkyerɛkyerɛmu a ɛfiri Apryl Stott hɔ

Sɛn na sɛ wosi kyerɛ sɛ wodɔ Yesu?

Tintim