2023
Yesu Sa Ɔbaa bi Yareɛ
Ɔgyefuo 2023


“Yesu Sa Ɔbaa bi Yareɛ,” Bosome bosome Adamfoɔ Nkransɛm, Ɔgyefuo 2023

“Yesu Sa Ɔbaa bi Yareɛ”

Bosome bosome Adamfoɔ Nkransɛm, Ɔgyefuo 2023

Yesu Sa Ɔbaa bi Yareɛ

Mfoni
Yesu nam borɔno kwan bi so

Nkyerɛkyerɛmu a ɛfiri Apryl Stott hɔ

Dakoro bi Yesu nante faa borɔno kwan bi a adagyeɛ nni soɔ so. Na ɔbaa bi a wayare mfeɛ 12 wɔ nnipakuo no mu.

Mfoni
ɔbaa resɔ Yesu ataadeɛ mu

Na ɔbaa no wɔ gyedie sɛ Yesu bɛtumi asa no yareɛ. Ɔtenee ne nsa na ɔsɔɔ Ne gyawurusie no mu. Amonom hɔ ara ɔnyaa ayaresa!

Mfoni
Yesu Kristo

“Hwan na ɔsɔɔ me ntaadeɛ mu no?” Yesu bisaae. Ɔbaa no surooe. Ɔbuu nkotodwe wɔ Yesu anim na ɔkaa deɛ asie kyerɛɛ No.

Mfoni
Yesu rekasa kyerɛ ɔbaa bi

Na Yesu yɛ ɔdɔ. Ɔkaa sɛ, “Nya awerɛkyekyerɛ.” Ɔkakyerɛɛ no sɛ, ɛnam ne gyedie nti na wanya ayaresa.

Mfoni
mmɔfra wɔ nhyɛmma bi mu

Mɛtumi anya gyedie wɔ Yesu Kristo mu. Ne dɔ bɛtumi aboa me na abrɛ me asomdwoeɛ.

Ahosuo adwini Kratafa

Mewɔ gyedie wɔ Yesu Kristo mu

Mfoni
Maame ne ɔbabarima rebɔ mpaeɛ

Mia mfonin no so fa twe.

Nkyerɛkyerɛmu a ɛfiri Apryl Stott hɔ

Sɛn na wosi kyerɛ wogyedie?

Tintim