2023
Yesu Nyane Lasaro firi Awufoɔ mu
Oforisuo 2023


“Yesu Nyane Lasaro firi Awufoɔ mu,” Adamfoɔ, Oforisuo 2023, 46–47.

Bosome bosome Adamfoͻ Nkransɛm, Oforisuo 2023

Yesu Nyane Lasaro firi Awufoɔ mu

Mfoni
Yesu, Mary, Marta, ne Lasaro te hɔ

Nkyerɛkyerɛmu a ɛfiri Apryl Stott hɔ

Mary ne Marta wɔ nuabarima bi a ne din de Lasaro. Na wɔyɛ Yesu Kristo nnamfo.

Mfoni
Yesu reyɛ Mary ne Marta atuu

Lasaro bɛyaree pa ara. Ankyɛre, ɔwuui. Mary ne Marta werɛ hoeɛ. Berɛ a Yesu baae no, Ɔne wɔn suui.

Mfoni
Yesu gyina Lasaro damena mu

Afei Yesu ne wɔn kɔɔ Lasaro damena ho. Ɔkaa sɛ, “Lasaro, pue bra.”

Mfoni
Yesu reboa Lasaro ma wafiri damena no mu

Lasaro sɔree na ɔnante firii damena no mu Waba nkwa mu bio! Ɛnam Yesu nti, yɛn nyinaa nso bɛba nkwa mu bio!

Ahosuo adwini Kratafa

Yesu Kristo te ase

Mfoni
Ahosuo adwini kratafa a ɛyɛ akwadaa kuta Yesu mfonini bi

Nkyerɛkyerɛmu a ɛfiri Apryl Stott hɔ

Sɛn na wokae Yesu wɔ Amanehunu da no mu?

Tintim