2023
Yesu Kyerɛɛ Yɛn Ɔkwan no
Ɔsanaa 2023


“Yesu Kyerɛɛ Yɛn Ɔkwan no,” Adamfoɔ, Ɔsanna 2023, 4–5.

Bosome bosome Adamfoɔ Nkransɛm, Ɔsanaa 2023

Yesu Kyerɛɛ Yɛn Ɔkwan no

Mfoni
atwerɛ nyinaa

Nkyerɛkyerɛmu firi Dan Burr hɔ.

Yesu Kristo yɛ Ɔsoro Agya Ba. Ɔbaa asaase so bɛkyerɛɛ yɛn sɛnea yɛbɛtumi akɔ yɛn Soro Agya hɔ dabi. Wɔbɔɔ Yesu Asu. Ɔkyerɛkyerɛɛ sɛ ɛwɔ sɛ yɛn nso bɔ asu.

Mfoni
atwerɛ nyinaa

Yesu kyerɛɛ yɛn sɛnea yɛbɛtena ase. Ɔdɔ obiara na ɔboaa no. Ɔpɛ sɛ yɛn nyinaa bɛdi N’akyi.

Mfoni
atwerɛ nyinaa

Yesu tee yɛn haw nyinaa nka na Ɔhunuu amane wɔ yɛn bɔne ho. Na afei Ɔwu maa yɛn. Yei na ɔfrɛ no Yesu Kristo Mpata no. Ɔnyanee No. Ɛkyerɛ sɛ ɔtease ɛnnɛ! Ɛnam Yesu nti, yɛn nyinaa bɛba nkwa mu bio wɔ yɛn wuo akyi.

Mfoni
atwerɛ nyinaa

Yesu yɛɛ yei nyinaa maa yɛn ɛfirisɛ ɔdɔ yɛn. Ne nti yɛbɛtumi ne yɛn Soro Agya ne yɛn mmusua atena dabi.

Mfoni
atwerɛ nyinaa

Yɛbɛtumi adi Yesu akyi wɔ berɛ a yɛanya asubɔ. Yɛbɛtumi adi N’akyi daa wɔ berɛ a yɛdɔ na yɛboa afoforɔ na yɛredi Ne mmransɛm so.

Tintim