Adamfoɔ
Aaron kyerɛkyerɛ Ɔhene no
Kutawonsa 2024


“Aaron Kyerɛkyerɛ Ɔhene no,” Adamfoɔ, Kutawonsa 2024, 26–27.

Bosome bosome Adamfoɔ Nkrasɛm, Kutawonsa 2024

Aaron kyerɛkyerɛ Ɔhene no

Mfoni
Aaron rekyerɛkyerɛ nkorɔfoɔ; Aaron gyina ɔhene no anim

Nkyerɛkyerɛmu firi Andrew Bosley hɔ

Na Aaron yɛ Mosiah mma mmarima no mu baako. Na ɔyɛ asɛmpatrɛni. Ɔkyerɛkyerɛɛ Lamanfoɔ hene a na ɛwɔ asase no nyinaa so.

Mfoni
Aaron rekasa kyerɛ ɔhene no

Aaron bisaa ɔhene no sɛ ɔgye Onyankopɔn di anaa. Ɔhene no kaa sɛ sɛ Aaron ka kyerɛ no sɛ Onyankopɔn wɔ hɔ ampa a, ɔbɛgye adi. Ɔkaa sɛ Aaron nka Onyankopɔn ho asɛm bebree nkyerɛ no.

Mfoni
Aaron rekyerɛkyerɛ a ɔsoro mfoni wɔ akyire

Aaron kenkanee twerɛnsɛm no kyerɛɛ ɔhene no. Ɔkyerɛkyerɛ faa asase bɔ ho. Ɔkyerɛkyerɛ faa Onyankopɔn nhyehyɛeɛ ho. Ɔkaa Yesu Kristo ho asɛm kyerɛɛ ɔhene no.

Mfoni
Lamanfoɔ hene no abu nkotodwe; Aaron rebɔ nkorɔfoɔ no asu.

Ɛno akyi, ɔhene no bɔɔ mpaeɛ. Ɔbisaa Onyankopɔn sɛ deɛ Aaron kaeɛ no yɛ nokorɛ a. Ɔhene no nyaa mmuaeɛ sɛ ɛyɛ nokorɛ!

Ɔhene no gyee deɛ Aaron kyerɛkyerɛeɛ no diiɛ. Obiara a ɔwɔ ne fie nso gye diiɛ. Wɔbɔɔ wɔ asu na wɔyii sɛ wɔbɛdi Yesu Kristo akyi.

Ahosuo adwinnie Kratafa

Mɛtumi Adi Yesu Akyi berɛ a Mekyerɛ Ɔdɔ

Mfoni
Nkwadaa ne akoma akɛseɛ mfoninyɛ krataafa

Nkyerɛkyerɛmu firi Adam Koford hɔ

Sɛn na wokyerɛ ɔdɔ kyerɛ afoforɔ?

Tintim