2021
Mɛyɛ dɛn ahunu sɛ Mete Awurade no nne wɔ m’abrabɔ mu?
Ɔgyefuo 2021


“Mɛyɛ dɛn ahunu sɛ Mete Awurade no nne wɔ m’abrabɔ mu?” Dema Mmabunu Ahoɔden, Ɔgyefuo 2021, 29.

Bosome bosome De ma Mmabunu Ahoɔden Nkransɛm, Ɔgyefuo 2021

Mɛyɛ dɛn ahunu sɛ Mete Awurade no nne wɔ m’abrabɔ mu?

Mfoni
abranteɛ a ɔrekan twerɛnsɛm

Otitenani Russell M. Nelson ato nsa afrɛ yɛn sɛ “yɛn ntaa nnwene nkɔ akyiri” mfa sɛdeɛ yɛte Yesu Kristo nne na “yɛntu anammɔn ntaa ntie No yie” (“‘Sɛn na Wo #Tie No?’ Nsa Tofrɛ Sononko,” Ɔgyefuo 26, 2020, blog.ChurchofJesusChrist.org).

Yɛbɛtumi atie No afiri twerɛnsɛm ne nkɔnhyɛfoɔ nsɛm no mu. Mmom ɛnyɛ sɛ yɛretie anaa kenkan saa nsɛmfua no na ɛyɛ botaeɛ no. Ɛnam Nkɔmhyɛni Joseph Smith so, Awurade no kyerɛɛ mu:

“Ɛyɛ me nne na ɛreka [saa nsɛm yi] akyerɛ mo; na ɛnam Honhom no so na wɔde ama mo … ;

“Ɛno nti, mobɛtumi adi adanseɛ sɛ moate me nne” (Nkyerɛkyerɛ ne Apam 18:35–36).

Ɛbio, yɛrehwehwɛ atie No no nyɛ adeɛ a yɛyɛ no wɔ mpofirim. Otitenani Nelson aka sɛ, “Ɛde anidahɔ ne mmɔdemmɔ ntoatoasoɔ” (“Tie No,” Oforisuo. 2020 amansan nhyiamu [Ensign anaa Laehona, Kɔtɔnima 2020, 89]).

Berɛ a wosua adeɛ, bɔ mpaeɛ, sɔre, som na wodi Awurade no mmaransɛm so no, Ɔde Ne Honhom bɛhyira wo, na ɛnam Yesu Kristo so, ɔbɛsesa wo. Afei wobɛtumi ahunu sɛ wate Ne nne.

Tintim