2021
Abarimaa bi na Ɔgyee Akuraa bi
Oforisuo 2021


“Abarimaa bi na Ɔgyee Akuraa bi,” Mmabunu Ahoɔden Nti, Oforisuo 2021, 10–11.

Bosome bosome Mmabunu Ahoɔden nti Nkransɛm, Oforisuo 2021

Aba rimaa bi na Ɔgyee A kuraa bi

Na Tom Fanene adi mfeɛ 12 pɛ, nanso berɛ a yareɛ kɔdiawuo bi te sii Samoa akuraa so no, wɔfrɛɛ no maa ɔyɛɛ nneɛma akɛseɛ.

Mfoni
Samoa supɔ a abarimaa reboa yarefoɔ

James Madsen na ɔde nkyerɛkyerɛmu no maeɛ; mfonin no firi Getty Images

Sɛdeɛ afe yi mmabunu asɛntire ka no, wo “reto adwuma kɛseɛ bi fapem” (Nkyerɛkyerɛ ne Apam 64:33). Wɔ Asɔre no abakɔsɛm mu, mmabunu taa di dwuma a ɛho hia wɔ mmerɛ a ɛsɛ mu de akyekyere Onyankopɔn ahennie no. Nhwɛsoɔ koro nie.

Supɔ Yaredɔm

Mfeɛ 100 ne akyire a atwam wɔ Samoa Nsupɔ so wɔ Pacific Po so, abranteɛ bi a ɔfrɛ no Tom Fanene yɛɛ mmoa a ɛhia wɔ owuo-ne-nkwa tebea bi a Yesu Kristo Asɔre a Ɛwɔ hɔ ma Nna a Ɛdi Akyire Ahotefoɔ asɔremma kɔɔ mu.

Na Tom te akuraa bi a wɔfrɛ no Sauniatu ase, a Nna a Ɛdi Akyire Ahotefoɔ kyekyereeɛ sɛ wɔbɛhyiam na wɔayɛ no kuro. Te sɛ Onyankopɔ ahotefoɔ a wɔwɔ mmerɛ ne beaeɛ afoforɔ mu no, wɔhunuu sɔhwɛ ne anwanwasɛm berɛ a wɔreyɛ adwuma akyekyere Onyankopɔn ahennie abom. Sɔhwɛ baako baa afe 1918 mu, berɛ a influenza nsanyadeɛ duruu akuraa hɔ.

Berɛ a yarewa no duruiɛ no ara, na ɛyɛ ɔsɛeɛ, na ɛtrɛɛ ntɛm so. Na ɛkame ayɛ sɛ nnipa 400 no mu biara da yarempa so ɛnam saa yadeɛ yi nti. Wɔn mu baanu bi na na wɔtumi kɔ ba: abasiriwa koro ne mfeɛ dumienu-Tom.

Gyedie ne Adwuma Den

Tom abusua de gyedie ayɛ adwuma wɔ yadeɛ mu pɛn na wɔahunu anwanwasɛm sɛ mmuaeɛ. Tom nuabarima Ailama yaree mfeɛ bi a atwam mu. Wɔn papa, Elisala, soo daeɛ a wɔmaa no akwankyerɛ pɔtee a ɔmfa so nhwɛ Ailama: kɔ pɛ wili-wili dua, wae n’abena no bi, na si kyi mu nsuo no. Elisala yɛɛ yei na ɔde nsuo no brɛɛ Ailama, ɔnommeɛ na ɛhɔ ara ɔtee apɔ. Enti na Tom ahunu sɛdeɛ yɛde gyedie yɛ adwuma a ɛtumi boasa yadeɛ.

Afe 1918 influenza nsanyadeɛ berɛ mu, Tom de gyedie yɛɛ adwuma berɛ a ɔhwɛɛ nkorɔfoɔ a wɔwɔ akuraa hɔ no so. “Anɔpa biara mekɔ afie afie mu kɔ ma wɔn aduane na mapepa nkorɔfoɔ ho na mahwehwɛ wɔn a wɔawuo,” ɔsee.

Ɔkɔɔ nsuo mmokiti firii beaeɛ nsuo pue kɔ maa efie biara nsuo. ɔforoo kube, tee kube, hwanee ho, ɛna ɔbɔɔe hwiehwiee mu nsuo kɔ maa ayarefoɔ no. Ɔsan nso kumm akuraa hɔ nkokɔ de yɛɛ nkwan maa abusua biara.

Ɔreyɛ deɛ Ɛda nso

Saa nsanyadeɛ berɛ yi mu, nkorɔfoɔ bɛyɛ nkyɛmu ɛnan mu baako a wɔwɔ Samoa wuui wɔ influenza mu. Nkorɔfoɔ a wɔwɔ Tom akuraa hɔ nso bi wuui. Tom boa tuu adamena na ɔsiee emu boro 20, a ɔno ankasa papa, Elisala ka ho.

Mmom aseda nka Tom adwuma den ne nhwɛso pa nti, nkorɔfoɔ bebree wɔ akuraa hɔ a wɔnyaa wɔn tiri didii mu. Ɔdaa nso kɛseɛ maa saa nkorɔfoɔ no na ɔkyekyeree Awurade ahennie no wɔ Samoa. Na “ɔreto adwuma kɛseɛ fapem.”

Saa na wo nso woteɛ, wɔ wo ankasa wo kwan so.

Ebia wɔnfrɛ ma wonnyɛ nneɛma a Tom yɛeɛ no, nanso wɔ akwan pii so, wode wo gyedie no reyɛ deɛ ɛda nso kɛseɛ ma wo, afoforɔ ne Onyankopɔ ahennie adwuma no kyekyereɛ.

Woreyɛ nhwɛsodeɛ ama w’abusua, nnamfoɔ, ne afoforɔ berɛ a wokyerɛ ɔbra pa, aboterɛ, yamyɛ, ne ɔdɔ. Woresom afoforɔ. Wode wo ho rehyɛ twerɛsɛm sua ne mpaebɔ mu. Worekyɛ nokorɛ a ɛwɔ Yesu Kristo asɛmpa a wasan de aba no mu.

Saa afe yi a atwam yi, mo mu dodoɔ no na wɔreyɛ saa nneɛma yi berɛ a mo nam nsanyadeɛ nsunsuansoɔ mu. Ebia mo nkɔɔ nsuo na mo ntee kube ɛna mo nhwɛɛ nkorɔfoɔ 400 so mmaa wɔnntee apɔ, nanso mo de ahotɔ, anidasoɔ, anigyeɛ, ne asomdwoeɛ abrɛ nkorɔfoɔ wɔ akwan foforɔ bebree so.

Wo mfeɛ mfa wo gyedie ne wo pɛ a wode yɛ adwuma som afoforɔ ho. Nhwɛsoɔ a atwam, te sɛ Tom Fanene deɛ no, tumi boa ma wohunu sɛ wo ho hia wɔ Onyankopɔn adwuma kɛseɛ no fapem toɔ mu.

Tintim