2021
Mekɔn Dɔ sɛ Mɛhunu Tɛmpol no
Kɔtɔnimma 2021


“Mekɔn Dɔ sɛ Mɛhunu Tɛmpol no,” Mmabunu Ahoɔden Nti, Kɔtɔnimma 2021.

Memeneda Anɔpa Som

Mekɔn Dɔ sɛ Mɛhunu Tɛmpol no

Tɔfabɔ nsɛm

Mfoni
Tɛmpol

Menim sɛ Awurade tɛmpol ahodoɔ no yɛ kronkron mmea. Me botaeɛ wɔ ɛnnɛ kasa a ɛfa tɛmpol ho ne sɛ ɛbɛto me ne wo akɔnnɔ mu sɛ yɛn ho bɛte na yɛayɛ krado ama akwanya a ɛredɔɔso ama tɛmpol suahunu a ɛreba ama yɛn.

Sɛ wo anaa me kɔ tɛmpol wɔ ahoteɛ a anwieyɔ mu a, yɛntumi nhunu Honhom Kronkron tumi no, Agyenkwa no honhom nkyerɛkyerɛ a yɛnya wɔ tɛmpol mu no.

Sɛ yɛn ho te sɛ yɛgye saa nkyerɛkyerɛ no a, wɔ yɛn tɛmpol suahunu mu no yɛbɛtumi anyini wɔ anidasoɔ, anigyeɛ, ne ahotɔsoɔ mu wɔ yɛn abrabɔ mu. Saa anidasoɔ, anigyeɛ, ne ahotɔsoɔ yi wɔ hɔ na gye sɛ wogye ayɛyɛdeɛ a wɔyɛ no wɔ tɛmpol kronkron mu no to mu. Wɔ tɛmpol mu na yɛbɛtumi agye abusua ho dɔ nkabom bɔhyɛ a ɛbɛtoa so wɔ owuo akyi na atoa mu akɔ enni awieɛ mu.

Na yɛnim sɛ yɛn anigyeɛ a ɛnniawieɛ no gyina yɛn mmɔdemmɔ a yɛrebɔ de saa anigyeɛ a ɛnni awieɛ no ama yɛn abusuafoɔ dodoɔ a yɛbɛtumi so.

Mewɔ atenka korɔ no ara sɛ mɛto nsa afrɛ abusuafoɔ a wɔte ase sɛ wɔn ho bɛteɛ na wɔagye na wɔadi tɛmpol nsɔano ayɛyɛdeɛ no nni. Ɛno ne Israel anoboa bɔhyɛ no mu fa bi wɔ nna a ɛtwa toɔ yi mu wɔ nkatanimu no afa nyinaa.

Mfoni
Salt Lake Tɛmpol foforɔyɛ

Tintim