2021
Yɛrehwehwɛ Ahoͻden De Bͻne Akyɛ
Ayɛwohomumɔ 2021


“ Yɛrehwehwɛ Ahoͻden De Bͻne Akyɛ,” Mmabunu Ahoɔden Nti, Ayɛwohomumɔ 2021, 10–11

Bra, Di M’akyi

Yɛrehwehwɛ Ahoͻden de Bͻne Akyɛ

Awurade ahyɛ yɛn sɛ yɛmfa afoforͻ bͻne nkyɛ wͻn Ɔbɛboa yɛn ama yɛadi Ne mmaransɛm so, a wei ka ho.

Nkyerɛkyerɛ ne Apam 64:10

Mfoni
ͻbaa a ͻrehwɛ obi a ͻretene ne nsa ama no

James Madsen nkyerɛkyerɛmu

Nti mmaransɛm no bi so di yɛ den sene bi anaa?

Baako a ɛhunahuna nkorͻfoͻ bebree nie: “Me, Awurade , de bɛkyɛ wͻn a mede bɛkyɛ wͻn, nanso mo deɛ ɛsɛ mo sɛ mode kyɛ nnipa nyinaa” (Nkyerɛkyerɛ ne Apam 64:10)

Twɛn. Ɛsɛ sɛ yɛde kyɛ obiara a wafom yɛn anaa? Ɛbetumi asi saa mpo?!

Ɛyɛ adeɛ baako sɛ wode bɛkyɛ obi a waka aniammͻnho kasa akyerɛ wo anaasɛ wafa aduane a aka akyire wͻ adidipono no so. Na nkuro a ɛmu dͻ no nso ɛ? Saa mmarato a ɛyɛ hu a ɛbɛtumi asɛe anaa mpo asesa yɛn abrabͻ kwan no?

Ɛtͻ da a tumi a ɛma yɛtumi de bͻne kyɛ obi a wadi yɛn bͻne kɛseɛ pa ara no, yɛnya atenka bi sɛ ɛmmɛn yɛn.

Anigyesɛm no nie: Ɛnam Yesu Kristo mmoa so no, akwansideɛ biara nni deɛ yɛbɛtumi de yɛn ahoͻden ayɛ ho.

Mmoa a na Ɔhia no

Kristoni mapa a watu ne ho asi hͻ a ɔfri Netherlands a wͻfrɛ no Corrie ten Boom hunuu tumikan a ɛwͻ bisa a ɔbisaa Onyankopͻn sɛ ͻmmoa no na ͻmfa obi bͻne nkyɛ no mu.

Na wͻde ͻne ne nuabaa Betsy agu afiase wͻ ewiase ko kɛseɛ a ɛtͻ so mmienu no mu. Corrie ne afoforͻ faa ateetee a ani yɛ nyan mu wͻ Nazi nnaduafie abanbͻfoͻ no nsa mu. Ne nuabaa Betsy mpo wuuiɛ ɛnam saa ateetee no nti. Corrie firi mu fiiɛ.

Ɔko no akyiri no, Corrie hunuu ayaresa tumi a ɛwͻ sɛ wo de afoforͻ bͻne bɛkyɛ wͻn mu. Na ͻtaa kyɛ n’asɛm wͻ mmͻntenso. Nanso da bi ne nsɛm no kͻͻ nsͻhwɛ kɛseɛ mu.

Abͻntenso kasa bi akyi no, nnaduafie no so banbͻfoͻ no mu deɛ ne tiri mu yɛ den pa ara no baa Corrie anim.

Ɔka kyerɛɛ Corrie sɛ wabɛyɛ Okristoni ͻko no akyiri na wasakra afiri awurukasɛm a ɔdiiɛ sɛ nnaduafie so banbͻfoͻ no ho.

Ɔtenee ne nsa na ͻkaa sɛ, “Wode bɛkyɛ me?”

Nea osuaeɛ ɛne nea ͻkyɛeɛ ɛfa bͻnefakyɛ ho no nyinaa akyiri, Corrie antumi ansͻ ͻbarima yi nsa mu amfa ankyɛ no—ɛnyɛ ɔno ankasa, ɔkwan bi so.

Ɔtwerɛɛ no akyire yi sɛ, “Mpo wͻ mmerɛ a na abufuo akatua ho adwene rehuru wͻ me mu no, mehunuu wͻn bͻne… Awurade Yesu, mebͻͻ mpaeɛ, fakyɛ me na boa me na memfa nkyɛ no.

“Mebͻͻ mmͻden sɛ mɛsere, [na] meyɛɛ sɛ mɛma me nsa so. Mantumi. Mante hwee, sɛ akomapa anaa adͻeɛ ketekete mpo. Enti mebɔɔ koomyɛ mpaeɛ tiawa bi. Yesu, mentumi mfa nkyɛ no. Ma me Wo bͻnefakyɛ.

“Mesͻͻ ne nsa no, adeɛ a ɛyɛ nwanwa pa ara bi siiɛ. Efiri m’abatiri rekɔ m’abasa kͻfa me nsa mu, ayɛ sɛ awosoͻ bi faa me mu kͻͻ ne hͻ, wͻ mmerɛ a m’akoma nyaa ͻdͻ bi maa saa ͻhͻhoͻ yi a nka ɛreyɛ abͻ me pusa.

“Na mehunuu sɛ ɛnyɛ yɛn bͻnefakyɛ a ɛboro yɛn papayɛ so na ewiase ayaresa gyina, na mmom Ne deɛ so Sɛ Ɔka sɛ yɛnnͻ yɛn atanfo a, Ɔma ͻdͻ no ankasa ka ͻhyɛ no ho.”1

Onyankopͻn wͻ hͻ sɛ ͻbɛboa wo ama wadi Ne mmaransɛm so, a bͻnefakyɛ ho mmarasɛm no ka ho—mpo wͻ mmerɛ a ɛyɛ den. Ɔbɛtumi aboa wo sɛdeɛ Ɔboaa Corrie ten Boom no.

Ayaresa a Ɛfata Wo

Ɔbra yɛ nnaadaa Ɛyɛ basabasa Na nnipa a wͻwͻ ɔpɛ a Onyankopͻn de ama na ahyɛ mu ma.

Mmerɛ a obi hyɛ da yɛ biribi na ɛma wo di yaw—anaa mpo sɛ ɛnnam boapayͻ kwan so a—woɛetumi anya ayaresa tumi wͻ mmerɛ a wobͻ mpaeɛ gye mmoa na wobͻ mmͻden sɛ wode bɛkyɛ.

Wode afoforͻ bͻne rekyɛ wͻn no de ayaresa brɛ wo kra. Onyankopͻn mmoa nti, wode obi bͻne rekyɛ no no, woyi adesoa duruduru bi a na ɛtwe wo san no firi wo so. Mpo sɛ ɛkwan a ɛkͻ nokorɛ ayaresa mu no yɛ den a, Onyankopͻn nti, wo nko ara woremfa so.

Atwerɛ.

  1. Corrie ten Boom, The HidingPlace (1971), 215.

  2. Jeffrey R. Holland, Ahinime 2018 amansan nhyiamu (Ensign anaa Laehona, Obubuo 2018, 79).

Tintim