2021
Yɛ Deɛ Wotwerɛ no
Kitawonsa 2021


“Yɛ Deɛ Wotwerɛ no,” Mmabunu Ahoɔden Nti, Kitawonsa 2021, 18–19.

Bosome bosome Mmabunu Ahoɔden Nti Nkrasɛm, Kitawonsa 2021

Deɛ Wotwerɛ

Woretwerɛ wo nsusuiɛ berɛ a wosua twerɛnsɛm no bɛtumi aboa ama wasua adeɛ pa ara yie.

“Berɛ biara a mɛhyɛ aseɛ akenkan twerɛnsɛm no, na mada!” ɔsɛmpakani bi ka kyerɛɛ n’asɛmpatrɛ titenani. “Ɛte sɛ deɛ twerɛnsɛm no nna aduro no!”

Ne titenani no buaa sɛ, “Wotwerɛ nsɛm berɛ a wokenkan no?”

“Daabi,” ɔsɛmpakani no na ɔseɛ.

“Ɛyɛ mmrɛ sɛ wobɛda anaa w’adwene bɛkɔ nyaa berɛ a worekenkan nko ara,” titenani no buaae, “nanso ɛnyɛ mmrɛ saa berɛ a wode atwerɛ ka ho!”

Afotuo a saa asɛmpatrɛ titenani yi de maa ɔsɛmpakani a na ɔrebrɛ yi de nsonoeɛ kɛseɛ baae. Enti sɛ worepɛ ɔkwan foforɔ bi ahyɛ wo twerɛsɛm adesua mu kena a, sɔ yei hwɛ. Sɛ wotwerɛ fa deɛ worekenkan no ho a, wobɛhunu sɛ wode wo ho awura mu na woresua adeɛ yie nso.

Akwan bi a yɛahunu sɛ ɛho hia pa ara nie.

Onuabarima Steven Lund:

Mfoni
Steven Lund

Metwerɛ biribi gu krataa so berɛ a mekenkan. Berɛ a Honhom no kaekae me m’adesua mu no, metwerɛ saa nkaeɛ no to hɔ.

Menyaa adwene no firii Elder Richard D. Scott hɔ (1928-2015) a ɔka Asomafoɔ Dumienu Kuo ho, a ɔkaa sɛ: “Twerɛ nneɛma a ɛho hia a wosua firi Honhom no hɔ to baabi a nsuo nka. Wobɛhunu sɛ berɛ a wotwerɛ atenka a ɛsombo to hɔ no, dodoɔ no na ɛbɛba. Bio, nimdeɛ a wo nsa bɛka no bɛwɔ hɔ wɔ wo nkwa nna nyinaa” (“To Acquire Knowledge and the Strength to Use It Wisely,” Ensign, Ayɛwohomumɔ 2002, 32).

Menim sɛ saa nsɛm no yɛ nokorɛ. Sɛ meyɛ ahoboa wɔ nkasaeɛ ne adekyerɛ ho a, mennkɔ twerɛnsɛm no nko ara mu, mmom wɔ deɛ matwerɛ ato hɔ berɛ a merekenkan no nso.

Onuabarima Ahmad Corbitt:

Mfoni
Ahmad Corbitt

Me kɔn dɔ sɛ mesua tirensɛm no. Mekenkan twerɛnsɛm no firi mfitiaseɛ kɔsi awieɛ, nanso metwa me ho sua tirensɛm no. Nhwɛsoɔ, Mede Tirensɛm Akwankyerɛ no bɛhwehwɛ twerɛnsɛm mu fa gyedie anaa Israel anoboaboa no ho asɛm. Afei memfa atwerɛ nko ara, mmom metwerɛ deɛ meresua no to hɔ hwɛ sɛ mete deɛ meresua no aseɛ yie. Ɛtaa yɛ me nwanwa wɔ nteaseɛ a menya berɛ a meyɛ yei. Afei nso meyi twerɛnsɛm bi gu m’adwene mu.

Onuabarima Bradley Wilcox:

Mfoni
Bradley Wilcox

Mekora twerɛtohɔ nwoma a metwerɛ twerɛnsɛm no gu mu wɔ m’ankasa me nsɛm mu. Nhwɛsoɔ, “Na nipa a ɔwɔ honam mu no yɛ Onyankopɔn tamfo” (Mosiah 3:19) bɛyɛ “Na nipa a ɔyɛ dwɛɛ na ɔrensakyera no bɛyɛ Onyankopɔn tamfo, nanso Onyankopɔn nyɛ ne tamfo. Onyankopɔn yɛ ne yɔnko pa.”

Mesan nso twerɛ nsɛmmisa. Ɛbɛtumi ayɛ nsɛmmisa a meredwene ho ansa na makenkan, anaasɛ ɛtumi yɛ nsɛmmisa a ɛfiri deɛ mekan no mu. Ɔkwan biara so no, ɛtwe m’adwene si pi.

Tumi A Ɛwɔ Nsusuiɛ A Wɔtwerɛ Mu

Yɛn mu biara a ɔwɔ atitenafoɔ mu no sua twerɛnsɛm no kwan foforɔ so, nanso yɛn nyinaa twerɛ berɛ a yɛsua no!

Akenkan boa ma yɛkora nsusuiɛ ne atenka wɔ yɛn mu. Ɛho hia pa ara. Na sɛ yɛkasa anaa yɛtwerɛ a, yɛhunu na yɛkyerɛ nsusuiɛ ne atenka firi yɛn mu. Yɛte nka sɛ saa boa ma yɛfa asɛmpa no nokorɛ yie.

Abranteɛ baako hunuu saa nokorɛ yi maa ne ho berɛ a wɔsee no sɛ ɔnkasa wɔ adidikronkron nhyiamu ase. Na wate sɛ nkorɔfoɔ bebree akasa nanso wantumi ankae emu nsɛm no. Saa berɛ yi yɛɛ soronko. Berɛ a ɔtwerɛɛ nhyehyɛeɛ maa ne kasa no ankasa no, ɛnyɛ sɛ ɛboaa no maa ne kasa yɛɛ nnidisoɔ nko ara, mmom ɔkaee kyɛree.

Adekorɔ no ara bɛtumi asi wɔ wo twerɛsɛm sua mu. Sɛ woreda berɛ a worebue wo twerɛnsɛm mu a, na berɛ aso sɛ wonyane. Bɔ mmɔden twe wo pɛnsere, pɛn, foon, anaa kɔmpita na hyɛ aseɛ twerɛ. Ɛbɛyɛ wo nwanwa wɔ nsonoeɛ a ɛbɛtumi ayɛ ho.

Tintim