2021
Onyankopɔn Asɔfodie No
Ɔsanaa 2021


“Onyankopɔn Asɔfodie,” Mmabunu Ahoɔden Nti, Ɔsanaa 2021, 20–21.

Bosome bosome Mmabunu Ahoɔden Nti Nkrasɛm, Ɔsanaa 2021

Onyankopɔn Asɔfodie No

Nkyerɛkyerɛ ne Apam 84

Deɛ ɛwɔ sɛ ɔbabunu biara hunu fa asɔfodie ho ne abusuabɔ a wɔne no wɔ.

Mfoni
mmabunu

Woahunu sɛdeɛ asɛmfua baako a wɔde di dwuma wɔ akwan mmienu so bɛtumi akyere adwene pɛn? Nhwɛsoɔ, wɔ Borɔfo kasa mu asɛmfua asase gyina hɔ ma asase a yɛte so ne efi a ɛwɔ yɛn nan ase. Ne mmienu nyinaa yɛ nokorɛ, nanso deɛ wopɛ sɛ wokyerɛ no gyina deɛ woreka ho asɛm wɔ saa berɛ no so. Deɛ ɛma no kyere adwene kɛse ne berɛ a asase kyerɛ yɛn asase yi, na ɛsan gyina hɔ ma efi, esiane sɛ efi wɔ asase so.

Worekyerɛ Asɛmfua Asɔfodie

Asɛmfua baako a yɛde di dwuma wɔ Asɔre no mu wɔ akwan mmienu so yɛ asɔfodie. Asɛmfua no gyina hɔ ma tumi nyinaa ne Onyankopɔn tumidie. Nanso, yɛsan de asɔfodie di dwuma wɔ ɛkwan ketewa bi so—de gyina hɔ ma “tumi ne tumidie a Onyankopɔn de ma wɔn a wɔkuta asɔfodie na wɔahyɛ wɔn asɔfoɔ sɛ wɔmfa nni dwuma wɔ nneɛma a ɛho hia nyinaa mu, wɔ Onyankopɔn mma nkwagyeɛ nti.”1

Asɔfodie a wɔde ama onipa no nyɛ Onyankopɔn tumi no nyinaa. Ɛpono a ɛdi soɔ yi kyerɛkyerɛ yei mu.

Wohunu Onyankopɔn tumi ho nhwɛsoɔ no bi wɔ pono yi so, a ɛyɛ daapem na ɛnni ano. Ɛno mu no, wo san nso hunu Onyankopɔn asɔfodie tumi ne tumidie a Ɔde gu, anaa de ma, mmarima a wɔfata sɛ wɔnhwɛ dwumadie so wɔ Kristo Asɔre mu.

Asɔfodie Tumidie ho Nhwɛsoɔ wɔ W’abrabɔ mu

Asɔfodie nhyira no nyinaa wɔ hɔ ma Ɔsoro Agya mmammaa ne mmammarima a ɔdɔ wɔn nyinaa. Mmoano a ɛtɔ so mmienu no tiawa mu gyina hɔ ma saa nhyira no a ɛnam obi a ɔkuta asɔfodie nsafoa anaa wɔama no asɔfodie tumidie so ba wo hɔ no.

Yei ne nhyehyɛeɛ kwan a Onyankopɔn de ato hɔ ama N’Asɔre nhyehyɛeɛ ne ɛsohwɛ wɔ asase so. Nhwɛsoɔ afoforɔ a ɛka Onyankopɔn asɔfodie tumidie ho bi ne dikɔnfoɔ anaa tikyafoɔ kuo titenani a ɔkuta nsafoa de kyerɛ kuo no adwuma, agya nhyira a ɔde ma wɔ efie, ne tɛmpol ayɛyɛdeɛ ne apam ahodoɔ.

Mmarima, Mmaa ne Asɔfodie

Ɛwom sɛ wɔde asɔfohyɛ dibea ma mmarima nko ara, nanso Titenani Dallin H. Oaks, Fotufoɔ a ɔdi Kan wɔ Titenafoɔ a wɔdi Kan mu, akyerɛkyerɛ nnyinasosɛm bi a ɛho hia yie mu: “Asɔfodie yɛ tumi ne tumidie kronkron a wɔkuta no awerɛhyɛmu mu de yɛ Onyankopɔn adwuma sɛ Ne mma nyinaa bɛnya so mfasoɔ. Asɔfodie nnyɛ wɔn a wɔahyɛ wɔn asɔfoɔ kɔ asɔfodie dibea anaa wɔn a wɔde ne tumidie di dwuma. Mmarima a wɔkuta asɔfodie no, ɛnyɛ wɔn ne asɔfodie no. Mma yɛnhunu mmarima a wɔahyɛ wɔn asɔfoɔ sɛ wɔn ne asɔfodie no.2

Ɛwom sɛ wɔnhyɛ mmaa asɔfoɔ wɔ asɔfodie mu, nanso Titenani Russell M. Nelson kyerɛkyerɛɛ mu sɛ, “sɛ obi a ɔwɔ asɔfodie nsafoa te wo ho si hɔ sɛ som wɔ ɔfrɛ bi mu a wɔma wo asɔfodie tumidie a wode bɛdi dwuma wɔ saa ɔfrɛ no mu.”3 Yei ho nhwɛsoɔ binom ne Mmaayewa kuo titenafoɔ, anuanom mmaa asɛmpatrɛfoɔ a wɔrekyɛ asɛmpa no, akannifoɔ a wɔwɔ wɔɔd ne stake mu a wɔate wɔn ho asi hɔ sɛ wɔnkyerɛkyerɛ na wɔnni anim, ne tɛmpol mu ayɛyɛdeɛ adwumayɛfoɔ.

Asɔfodie Tumi Hyira Obiara

Nhyira a mo mmerantewaa ne mmayewa gye no yɛ mo dea nam apam a moyɛ wɔ asubɔ berɛ ne apam a mobɛyɛ no wɔ tɛmpol mu. Mpo sɛ wonni obi a ɔkuta asɔfodie wɔ wo fie a, wobɛtumi akɔso anya Onyankopɔn asɔfodie tumi mu nhyira wɔ w’abrabɔ mu berɛ a wokora apam a wo ne No ayɛ no (hwɛ 1 Nephi 14:14).

Sɛ yɛtena ase wɔ yɛn apam mu a, yɛnya nhyira a ɛhyɛ yɛn den na ɛhyira yɛn. Yɛsrɛ wo sɛ susu asɔfodie nhyira a ɛwɔ w’abrabɔ mu ho—nhyira a ɛba esiane Onyankopɔn asɔfodie tumi a ɛtoɔ ntwa da ne deɛ ɛnam asɔfodie tumidie a wɔde ma ne deɛ wɔde hyɛ nsa wɔ Onyankopɔn Asɔre mu pɔtee so ba.

Atwerɛ.

  1. Dale G. Renlund ne Ruth Lybbert Renlund, The Melchizedek Priesthood: Understanding the Doctrine, Living the Principles (2018), 11.

  2. Dallin H. Oaks, “The Melchizedek Priesthood and the Keys,” Oforisuo 2020 amansan nhyiamu (Ensign anaa Laehona, Kɔtɔnimaa 2020, 69).

  3. Titenani Russell M. Nelson, “Spiritual Treasures,” Ahinime 2019 amansan nhyiamu (Ensign anaa Laehona, Obubuo 2019, 78).

Tintim