2021
N’Asɔre no Din
Ahinime 2021


“N’Asɔre no Din,” De ma Mmabunu Ahoɔden, Ahinime 2021.

Bosome bosome De ma Mmabunu Ahoɔden Nkransɛm, Ahinime 2021

N’Asɔre no Din

Nkyerɛaseɛ wɔ edin a Yesu Kristo de maa N’Asɔre no akyiri.

Mfoni
Yesu Kristo sɛ Odwanhwɛfoɔ Pa

m’asɔre

Asɔre—nnipakuo bi a wɔgye nneɛma korɔ die na wɔsom bɔ mu. Asɔre yei yɛ Yesu Kristo dea. Ɔno na ɔhyɛɛ aseɛ. Ɔno na ɔdi no kan. Ɛyɛ Ne dea.

wɔbɛfrɛ no

Yesu Kristo aka sɛdeɛ Ɔpɛ sɛ nkorɔfoɔ frɛ N’Asɔre akyerɛ yɛn. Enti saa na ɛwɔ sɛ yɛfrɛ no—ɛne deɛ ɛwɔ sɛ ahobrɛaseɛ mu yɛma afoforɔ nso frɛ no. Saa edin yi firi Yesu Kristo hɔ na ɛbaeɛ.

nna a ɛtwa toɔ

Nna a ɛtwa toɔ—nna a yɛwɔ mu; berɛ a ansa na Yesu Kristo Mmaeɛ a Ɛtɔ so Mmienu no bɛba. Yesu Kristo asane de N’Asɔre aba asase so bio ama saa mmerɛ a ɛtwa toɔ yi. Ɛbɛboa asiesie wiase ama Ne Mmaeɛ a Ɛtɔ so Mmienu no.

Yesu Kristo Asɔre No

(Hwɛ “m’asɔre.”) Yei ne edin a Agyenkwa no de maa N’Asɔre no fa a ɛdi kan. Ɔfrɛ no “Asɔre No” ɛfiri sɛ Ɔno na ɔhyehyɛeɛ. Ɛna Ɔde Ne din ato soɔ.

Nna a ɛtwa toɔ

(Hwɛ “nna a ɛtwa toɔ.”) Yei ne Asɔre no din no fa a ɛdi soɔ. Ɛkyerɛ tiawa sɛ yei ne Asɔre a Ɔsane de baeɛ wɔ saa nna yi mu, ɛnyɛ deɛ Ɔhyɛɛ aseɛ mmerɛ bi a atwam no.

Ahotefoɔ

Ahotefoɔ—asɛmfua a ɛkyerɛ “nkorɔfoɔ a wɔn ho teɛ.” Yei ne Asɔre no din no fa a ɛtwa toɔ. Ɛrekasa fa Asɔre mma no ho. Yesu Kristo bɛtumi ahohoro yɛn ho ama yɛn ho ate. Na Ɔma yɛn Sunsum Kronkron no sɛ ɛbɛhyɛ yɛn den berɛ a yɛbɔ mmɔden yɛ deɛ Wahyɛ no sɛ yɛnyɛ. Sɛ yɛwɔ gyedie wɔ ne mu na yɛkɔ so bɔ mmɔden a, Ɔyɛ yɛn kronkron. Ɔyɛ yɛn Ahotefoɔ.

Tintim