2021
Gyidie a Yɛde Bisa na Afei Yɛde Yɛ
Obubuo 2021


“Gyidie a Yɛde Bisa na Afei Yɛde Yɛ,” Laehona, Obubuo 2022.

Bosome bosome Laehona Nkransɛm, Obubuo 2021

Gyidie a Yɛde Bisa na Afei Yɛde Yɛ

Tɔfabɔ nsɛm

Mfoni
ɔbarima a ɔrebɔ mpaeɛ

Ɔkwan a yɛfa so gye adiyisɛm firi Onyankopɔn hɔ nsesaeɛ firi Adam ne Hawa pɛn so. Saa ara na ayɛ ma Awurade asomfoɔ a wɔafrɛ wɔn nyinaa firi ahyɛaseɛ no de bɛsi ɛnnɛ. Ɛyɛ saa ara ma wo ne me. Berɛbiara ɛgyina gyedie a yɛwɔ so.

Wowɔ nsɛmmisa a wohwehwɛ ho mmuaeɛ. Anyɛ koraa wowɔ gyedie a ɛdɔɔso a ɛbɛma woanya anidasoɔ sɛ wonam Awurade asomfoɔ so bɛnya mmuaeɛ afiri Ne hɔ. Worennya kwan mmisa akasafoɔ no nsɛm mpɛ mmuaeɛ, nanso wobɛtumi abisa w’Agya ɔdɔfoɔ no wɔ mpaebɔ mu.

Menim firi suahunu mu sɛ mmuaeɛ a ɛfata w’ahiadeɛ ne wo honhom mu ahosiesie bɛba.

Sɛ wo gyedie wɔ Yesu Kristo mu ama wonam Ne Mpata no nsunsuansoɔ so anya akoma a ɛyɛ mmrɛ a, wobɛtumi ate Honhom no wesewese no yie wɔ wo mpaebɔ ho mmuaeɛ mu. 

Sɛdeɛ yɛn gyedie wɔ Yesu Kristo mu de yɛn bɛkɔ akɔbisa mmuaeɛ wɔ Agya no hɔ no, saa gyedie no bɛsan de Agyenkwa no nsɔmu a ɛdwodwo na ɛdɔɔso no ama yɛn de ate N’akwankyerɛ na yɛanya ahotosoɔ ne anigyeɛ sɛ yɛbɛyɛ setie. 

Medi danseɛ sɛ ɛboɔ no a yɛn nan tim so no yɛ yɛn adanseɛ sɛ Yesu ne Kristo no; na yei yɛ N’Asɔre, a Ɔno ankasa di anim, na Titenani Russell M. Nelson yɛ Ne nkɔmhyɛni a ɔte ase ɛnnɛ. 

Mebɔ mpaeɛ sɛ wobɛnya saa adansedie korɔ no ara bi.

Mfoni
Tɛmpol

Wɔde Córdoba Argentina Tɛmpol rema

Tintim