2022
Amanehunu Agyenkwa no
Oforisuo 2022


“Amanehunu Agyenkwa no,” Wͻ Mmabunu Ahoͻden Ho, Oforisuo 2022.

Bosome bosome De ma Mmabunu Ahoɔden Nkransɛm, Oforisuo 2022

Amanehunu Agyenkwa no

Mfeha bebree akyi koraa ansa na wͻrewo Yesu Kristo no, Yesaia hunuu N’amanehunu wͻ yԑn bͻne ho.

buu no amimtia yii no maeԑ

Mfoni
Wͻkyekyeree Yesu Kristo nsa

Berɛ a Yesu Kristo baa asase so no, nnipa binom gyee No diiԑ, nanso pii no ara annye No anni. Wͻbuu No animtia mpo, na dodoͻ no ara tan no. Awieeԑ no, nkorɔfoɔ yԑԑ No ayakayakadeԑ na wɔkumm No. (Hwɛ 1 Nifae 19:9.)

wasoa yԑn awerԑhoͻ

Mfoni
Yesu Kristo rebɔ mpaeɛ wɔ Gethsemane.

Yesu Kristo faa yԑn yeaw, yareԑ, ne mmrԑwyԑ nyinaa too Ne ho so. Ͻyԑԑ yei sԑdeԑ ͻbԑnya ahummͻborͻ ama yԑn na wahunu kwan a ͻbԑfa so aboa yԑn (Hwɛ Alma 7:11–13.)

wͻpiraa no wͻ yԑn mmarato ho nti

Mfoni
Yesu Kristo wͻ asennua no so

Yesu Kristo Tuaa Yɛn Bɔne so ka Ͻyԑԑ yei sԑdeԑ ԑbԑyԑ a yԑsakyera yԑn adwene wͻbԑtumi de yԑn bͻne akyԑ yԑn (Hwɛ Nkyerɛkyerɛ ne Apam 18:11; 19:15–19.)

N’apirakuro no nti yԑnya ayaresa

Mfoni
nnipa rehwehwɛ Yesu Kristo a wawu asͻre no nsam

“Ne pirakuro no” yԑ Ne kuro. Yeinom gyina hͻ ma amanehunu a ͻkͻͻ mu maa yɛn no nyinaa, a Ne mogya a ͻhwie guuiԑ ne Ne wuo no ka ho. Ԑnam sԑ Yesu Kristo hunuu amaneԑ maa yԑn nti, yԑbԑtumi ayԑ mua bio. N’afͻrebͻ no nti ԑbԑtumi ayԑ yie sԑ wͻde yԑn bͻne bԑkyԑ yԑn. Yԑsakyera yԑn adwene na yԑdi yԑn apam so no, Ͻsa yԑn yareԑ sakyera yԑ (Hwԑ Mosaya 3:7–11; Gyidikansԑm 1:3.)

Tintim