2022
Yɛn Nan Ase Kanea
Ɔsanaa 2022


“Yɛn Nan Ase Kanea,” De ma Mmabunu Ahoͻden, Ayɛwohomumɔ 2022,

Bosome bosome De ma Mmabunu Ahoɔden Nkrasɛm, Ɔsanaa 2022

Yɛn Nan Ase Kanea

Ade titriw ma tete Israelfoɔ bɛtumi akyerɛ yɛn ɔkwan a Awurade kyerɛkyerɛɛ yɛn no.

Mfoni
ngo kanea

Nokwansɛm

Wɔ Apam dada berɛ mu no, nnipa de nnwo nkanea na wɔde fa ɛsum mu. Na saa nkanea yi mu pii wɔ mfitiaseɛ su mmiɛnsa.

  1. Ntwoma ayowa a wɛde Olive ngo gu mu; aberɛ a ɛyɛ kumaa a obi tumi de si ne nsa yam.

  2. Wɔsɔ ntoma ban no berɛ a anonom ngo.sɛ wɔsɔ

  3. Tokuro anaa ano a ɛsɔ ntoma no mu.

Ngokanea kumaa a ɛwɔ ntomaban koropɛ mu bɛhyɛn hann amma anamɔn kumaa bi a atwa ho ahyia. Sɛ yɛde nante a, ɛbɛhyerɛn paa ama yɛn na y’ahunu yɛn anamɔn atutu yie wɔ ɛsum mu.

Deɛ yɛbɛtumi Asua

Mfoni
Yesu Kristo kura ngo kanea

Ɔde yɛ adwuma wɔ akwanserɛ kwan so. Di anim, Ayamyɛ Hann, ɛfiri Simon Dewey hͻ Anidie nkɔ ma altusfineart.com © 2022.

Awurade asɛm bɛma yɛn hann wɔ ɛsum ne basabasayɛ a atwa yɛn ho ahyia wɔ wiase yi.

Awurade akakyerɛ yɛn sɛ mma yɛ nkata yɛ hann no so na mmom yɛmfa asɛmpa kanea no nkura na afoforɔ nso nhunu (hwɛ Mateo 5:14–16).

Ɛtwa gye yɛn sɛ yɛbɛhwɛ na yɛde nnwo agu yɛn nkanea mu (hwɛ Mateo 25:1–13). Yɛnam mpaebɔ, twerɛsɛm sua, ɔsom, nkɔmhyɛni akyiridie, ne gyedie nneyɔeɛ ne atuwohoakyɛ na yɛde yɛ (hwɛ Spencer W. Kimball, Gyedie di nsɛnkyerɛne kan [1972], 256).

Sɛ yɛnya gyedie a, ɛtɔ da a Awurade hyerɛn y’akwan mma yɛtu anamɔn baako biom (hwɛ Boyd K. Packer, “Awurade Kanea,” Ensign, Jan. 1983, 54).

Tintim