2023
Akwan Nan a Yesu Kristo Hyɛ Wo Den
Ɔpɛpɔn 2023


“Akwan Nan a Yesu Kristo Hyɛ Wo Den,” De ma Mmabunu Ahoɔden, Ɔpɛpɔn 2023.

Bosome bosome De ma Mmabunu Ahoɔden Nkransɛm, Ɔpɛpɔn 2023

Akwan nan a Yesu Kristo Hyɛ Wo Den

Metumi ade nyinaa yɔ wɔ Kristo mu.
Filipifoɔ 4:13

Mfoni
kairn

Wɔ wiase nyinaa mu, Akristofoɔ di ahurusie wɔ saa twerɛsɛm yi mu: “Me tumi adeɛ nyinaa yɛ wɔ Kristo a ɔhyɛ me den no mu” (Filipifoɔ 4:13).

Sɛ nkorɔfoɔ te yei a, wɔn mu binom dwene sɛ ɛkyerɛ sɛ wɔbɛtumi adi sɔhwɛ biara so, adi akansie biara mu nkonim, na wɔanya sɛ wɔn botaeɛ biara ba mu. Nanso ɛnyɛ deɛ saa twerɛsɛm yi kyerɛ ne no.

Ɔsomafoɔ Paulo twerɛɛe berɛ a na ɔwɔ afiease. Sɛ kandifoɔ no, nneɛma pii na Paulo antumi anyɛ nanso na ɔnim sɛ Yesu Kristo bɛtumi ahyɛ no den ama wayɛ deɛ ɛhia yie.

Saa ara yɛ nokorɛ ma yɛn!

1 Kristo hyɛ Wo den ma Wo Hunu

Yesu Kristo ama wo akwan pii a ɛhia a wobɛtumi de ahunu deɛ ɛyɛ nokorɛ. Wakyerɛ yɛn nyinaa sɛ yɛmmɔ mpaeɛ berɛ biara (hwɛ 3 Nifae 18:18) na yɛmmisa nhunu deɛ ɛyɛ nokorɛ (hwɛ Moronae 10:4–5). Wo nso wobɛtumi ahwehwɛ na wahunu deɛ ɛyɛ nokorɛ ɛnam wo twerɛsɛm sua ho.

Mpaebɔ ne twerɛsɛm sua de Honhom no ba w’abrabɔ mu. Honhom no bɛtumi akasa akyerɛ “w’adwene ne w’akoma” (Nkyerɛkyerɛ ne Apam 8:2), “fa anigyeɛ hyɛ w’akoma ma,” na “bue w’adwene mu” (Nkyerɛkyerɛ ne Apam 11:13).

Wɔ saa kwan yi so, wobɛtumi “atie No”—atie Agyenkwa no nsɛm na wadi deɛ waka no so. Titenani Russell M. Nelson akyerɛkyerɛ sɛ yie ne “nkonimdie, anigyeɛ, ne ahurisie wɔ saa abrabɔ yi mu.”1

2 Kristo hyɛ Wo den ma Wo

Wonya ahoɔden berɛ a wopere di mmara nsɛm so na wofa deɛ ɛde wo bɛkɔ asomdwoeɛ ne anigyeɛ mu. Yesu Kristo hyɛ wo den ma woyɛ yei berɛ a saa nsusuiɛ no yɛ den. Ɛtɔ da a wobɛtumi ayɛ mfomsoɔ wɔ deɛ wobɛyi ho. Aseda mu, Agyenkwa Mpata no ma adwensakyera di mu. Yesu Kristo nti, wo ho bɛtumi afi na wanya anigyeɛ. Ɔbɛtumi ahyɛ wo den ma wo “ayɛ yie na wayɛ yie”2 dabiara.

3 Kristo hyɛ Wo den ma Wo Di nkonim

Berɛ a Paulo wɔ nnaduafie no, Paulo twerɛeɛ: “Masua sɛ asetena biara a mewɔ biara a me wɔ mu no, mepene ma no dɔɔso ma me.

“Menim ahorɛaseɛ, na menim akonkosɛmdie nso: Babiara ne nneɛma nyinaa akokwa me” (Filipifoɔ 4:11–12).

Wɔ nsɛm foforɔ mu no, Paulo suaa sɛ, ɛnam Kristo so, ɔbɛtumi adi nkonim na wasua adeɛ afiri ne nsɔhwɛ ne ne haw mu. Yesu Kristo bɛtumi ahyɛ wo den ma wayɛ no saa.

Agyenkwa no hunuu “yea ne amanehunu ne sɔhwɛ biara bi.” Ɔfaa yɛn yea ne yareɛ too Ne ho so sɛ “ɔbɛhunu sɛdeɛ ɔbɛboa [a ɛkyerɛ sɛ ɔbɛboa] ne nkorɔfoɔ sɛdeɛ wɔn mmrɛyɛ teɛ” (Alma 7:11–12). Ɛmfa ho ne deɛ wonam mu, Yesu Kristo bɛtumi ahyɛ wo den ama wayɛ akɔduru na ayɛ nneɛma a wontumi nyɛ mma wo ho.

4 Kristo hyɛ Wo den ma Wo Bɛyɛ

Yesu Kristo ayɛ owusɔreɛ ampa ama yɛn nyinaa, na ɔma adwensakyera ba mu ma wɔn a wɔnu wɔn ho, na wɔyɛ na wɔdi apam a ɛka ho no so. Kristo nni mu a, yɛntumi nhyɛ deɛ Ɔsoro Agya no pɛ ma kɛse—ama yɛabɛyɛ te sɛ Ɔno ne Ne Ba, Yesu Kristo, na yɛ ne Wɔn akɔtena afebɔɔ.

Mfoni
Yesu Kristo

Wobɛtumi abɛyɛ te sɛ Yesu Kristo bebree berɛ a wosua No, de wo ho to Ne so gye No die, na wodi Ne nhwɛsoɔ so. Yei de wobɛtena gyedie kɛseɛ, anidasoɔ, ɔdɔ mapa, aboterɛ, adasamma, adwenemuteɛ, ne setie mu. Yeinom nyinaa yɛ Agyenkwa no su.

Berɛ a wopere di Yesu Kristo akyi no, Ɔbɛyɛ wo anidasoɔ ne wo hann a ɛbɛboa wo abɛyɛ deɛ Ɔnim sɛ wobɛyɛ nyinaa. Na, sɛ Paulo ka no, wobɛtumi aka sɛ, “Metumi ade nyinaa yɔ wɔ Kristo mu a ɛhyɛ me den.”

Atwerɛ

  1. Russell M. Nelson, “Tie No,” Oforisuo 2020 amansan nhyiamu (Ensign anaasɛ Laehona, Kɔtɔnima 2020, 89).

  2. Hwɛ Russell M. Nelson, “Yɛbɛtumi Ayɛ Yie na Yɛayɛ Yie,”Oforisuo 2019 amansan nhyiamu (Ensign anaasɛ Laehona,, Kɔtɔnima 2019, 67).

Tintim