2023
Bra Ne nkyɛn
Ɔbɛnem 2023


“Bra Ne nkyɛn”, De ma Mmabunu Ahoͻden, Ɔbɛnem 2023.

Bosome bosome De ma Mmabunu Ahoɔden Nkransɛm, Ɔbɛnem 2023

“Bra Ne nkyɛn”

Agyenkwa no to nsa frɛ yɛn sɛ yɛmfa yɛn nnesoa mmɛgu Ne so.

Mfoni
Yesu Kristo

Nkyerɛmu no firi Annie Henrie Nader hɔ

Bra Me nkyɛn

Yɛbɛtumi aba Agyenkwa no nkyɛn berɛ a yɛsua N’asɛmpa, nya gyedie wɔ Ne mu, sakyera, reyɛ na yɛredi apam so, na yɛdi Ne nhwɛsoɔ so.

yɛ adwuma wɔsoa mo nnesoa duruduru

Honam mu adwumayɛ ne honam mu nnesoa tumi ma yɛyɛ mmrɛ, sa ara nso na adwene mu, atenka mu, ne honhom mu deɛ. Agyenkwa no de N’asomdwoeɛ kyɛ yɛn, ɛmfa ho ne nnesoa a ɛso yɛn.

konnua

Konnua yɛ adwinneɛ a wɔde ka mmoa mmienu bom sɛdeɛ wɔbɛtumi atwe adesoa abom, te sɛ booa bi anaasɛ teaseɛnam bi. Konnua no taa wɔ dua a ɛda mmoa kɔn akyi, rekyɛ ɛmu duru no.

sua

Yɛbɛtumi asua Yesu Kristo berɛ a yɛre sua Ne nkyerɛkyerɛ ne Ne nhwɛsoɔ—na yɛbɔ mmɔden di soɔ.

ahome

Agyenkwa no ahome no yɛ N’asomdwoeɛ, a ɛdwodwo yɛn adwene ne yɛn honhom. Ɔboa yɛn ma yɛdi wiase mu haw so na ɔma yɛn honhom mu ahoɔden berɛ a yɛayɛ mmrɛ.

mmrɛ hare

Yɛrefa Agyenkwa no konnua ato yɛn ho so no kyerɛ sɛ yɛnam apam so kyekyere yɛn ho bata Ne ho. Ɛkyerɛ sɛ yɛde yɛn akoma rema No ne N’adwuma. Sɛ yɛyɛ yei a, yɛn nnesoa mu yɛ hare ɛfiri sɛ Ɔreboa yɛn.

Tintim