2023
Asɛm A Ɛtwa Toɔ: Hwehwɛ Nteaseɛ
Ɔsanaa 2023


“Hwehwɛ Nteaseɛ,” De ma Mmabunu Ahoɔden , Aug. 2023.

Bosome bosome De ma Mmabunu Ahoɔden Nkrasɛm, Ɔsanaa 2023

Hwehwɛ Nteaseɛ

Ɔnya firii Ɔforisuo 2019 amansan nhyiamu kasakyerɛ mu.

Mfoni
ɔbaa a okura ngo kanea

Emily Jones na ɔyɛɛ mfonini ahodoɔ

Ɛsɛ sɛ yɛn botaeɛ berɛ a yɛrehwehwɛ Yesu Kristo asɛmpa no ho nteaseɛ no yɛ sɛ yɛbɛma gyedie a ɛwɔ Onyankopɔn mu ne Ne soro nhyehyeɛ a ɛfa anigyeɛ ne Yesu Kristo ne N’mpata afɔrebɔ no mu ayɛ kɛseɛ na yɛanya nsakyeraeɛ a ɛtena hɔ daa. Gyidie ne nsakyeraeɛ a ɛkɔ soro saa no bɛboa yɛn ama yɛayɛ apam na yɛne Onyankopɔn ayɛ, na ɛnam so ahyɛ ɔpɛ a yɛwɔ sɛ yɛbɛdi Yesu akyi no mu den na ama honhom mu nsakraeɛ ankasa aba yɛn mu. Saa nsakraeɛ yi bɛma yɛanya asetena a ɛyɛ anigyeɛ, ɛso aba, ne apɔmuden na aboa yɛn ama yɛakura daa adwene mu.

Mfoni
abranteɛ a ɔrekenkan twerɛnsɛm

Sɛ yɛbɛnya yei a, ɛhia sɛ yɛtena Yesu Kristo mu ɛnam yɛn ho a yɛde bɛhyɛ kyerɛsɛm no mu, ahurisie wɔ mu, asua Ne nkyerɛkyerɛ, na yɛabɔ mmɔden sɛ yɛbɛbɔ yɛn bra sɛdeɛ Ɔbɔɔ bra no so. Ɛno ansa na yɛbɛba abɛhunu No na yɛahunu Ne nne, a yɛnim sɛ berɛ a yɛba ne nkyɛn na yɛgye no di no, ɔkɔm ne sukɔm renne yɛn da (hwɛ Yohane 6:35).

Mfoni
aberanteɛ bi a ɔrebɔ mpaeɛ

Ɛnyɛ nea ɛba ara kwa. Yɛn ho a yɛbɛma ɛne onyamesom pa nkɛntɛnsoɔ a ɛkorɔn sen biribiara no nyɛ asɛm a ɛyɛ mmerɛ; ɛhwehwɛ sɛ yɛfrɛ Onyankopɔn na yɛsua sɛdeɛ yɛde Yesu Kristo asɛmpa no bɛba yɛn abrabɔ mu mfimfini.

Mfoni
ababaa a ɔreka ne koma

Medi mo adanseɛ sɛ, sɛ yɛde anibereɛ, akoma mu, pintinn, na yɛfiri yɛn komam hwehwɛ sɛ yɛbɛte Yesu Kristo asɛmpa no ase na yɛakyerɛkyerɛ yɛn ho yɛn ho wɔ atirimpɔ ankasa ne Honhom nkɛntɛnsoɔ ase a, saa nkyerɛkyerɛ yi bɛtumi asesa akoma na akanyan ɔpɛ sɛ yɛbɛtena ase sɛnea Onyankopɔn nokware teɛ.

Tintim