2023
Seesei na Kristo Asɔre
Ɛbɔ 2023


“Seesei Kristo Asɔre,” Mmabunu Ahoɔden Nti, Ɛbɔ 2023

Bosome bosome Mmabunu Ahoɔden Nti Nkransɛm, Ɛbɔ 2023

Seesei Kristo Asɔre

Sua deɛ Ɔsomafoɔ Paulo kyerɛkyerɛ faa Yesu Kristo Wusɔreɛ ho.

Mfoni
Yesu Kristo a wasɔre afiri awufoɔ mu

Kristo a Wasɔre no, ɛfiri Wilson J. Ong hɔ

Seesei Kristo asɔre afiri owuo mu

Yesu Kristo wuu wɔ asɛnnua no so, wɔde no too damena mu, na ɔsɔre firii owuo mu ne nnansa soɔ.

wɔn a wɔdedaeɛ no aduabakan

Greekfoɔ kasa a wɔde dii dwuma wɔ ha maa aduabakan kyerɛ afe no mu nnɔbaeɛ a ɛba ntɛm pa ara. Ɛno na wɔdi kan twa—deɛ ɛdi bebree a ɛbɛba no kan.

Kasasini wɔn a wɔdedaeɛ kyerɛ “wɔn a wɔawuwuo.”

Yesu Kristo na wɔdii kan nyanee no, na Ne Wusre akyiri no, wɔbɛnyane nnipa nyinaa.

owuo nam onipa so na ɛbaeɛ

Yei rekasa fa Adam ho. N’ahweaseɛ no kyerɛɛ sɛ nnipa a wɔbɛba wiase nyinaa bɛwu. (Hwɛ Moses 4.)

Wɔ Kristo mu wɔbɛma nnipa nyinaa anya nkwa.

Ɛnam Yesu Wusɔreɛ nti, wɔbɛnyane nnipa nyinaa. Ɛno kyerɛ sɛ wɔbɛnyane obiara a watena ase pɛn anaa ɔbɛtena asee da. Yɛn honhom ne yɛn nipadua bɛsane aka abom, na yɛ nipadua bɛwie pɛyɛ a ɛrenwu bio. (Hwɛ Alma 11:43–45.)

Tintim