2023
Fa Honhom no yɛ W’akwankyerɛ
Ahinime 2023


“Fa Honhom no yɛ W’akwankyerɛ,” De ma Mmabunu Ahoɔden, Ahinime 2023.

Bosome bosome De ma Mmabunu Ahoɔden Nkransɛm, Ahinime 2023

Fa Honhom no yɛ W’akwankyerɛ

Yɛn Soro Agya hunuu sɛ honam a ɛwuo yi asetena mu no, yɛbɛhyia ɔhaw ahodoɔ, amanehunu, ne basabasayɛ ahodoɔ; Ɔhunuu sɛ yɛne nsɛmmisa, abamubuo, nsɔhwɛ, ne mmrɛyɛ bɛpere so. Sɛ wɔbɛma yɛn honam mu ahoɔden ne honhom mu banbɔ nti, Ɔmaa yɛn Honhom Kronkron no.

Ɛnam ɔsoro dwumadie so, Honhom no hyɛ nkuran, di adanseɛ, kyerɛkyerɛ, na ɔkae yɛn ma yɛnante Awurade hann no mu. Yɛwɔ ahyɛdeɛ kronkron sɛ yɛsua na yɛhunu Ne nkɛntɛnsoɔ wɔ yɛn asetena mu na yɛma ho mmuaeɛ.

Yɛbɛyɛ dɛn na yɛayɛ saa?

Ɛdi kan, yɛbɛpere abɔ Honhom no mu abrabɔ a ɛtene.

Ɛtɔ so mmienu, ɛwɔ sɛ yɛnya ɔpɛ de gye Honhom no.

Ɛtɔ so mmiɛnsa, sɛ Honhom no ba a ɛwɔ sɛ yɛhunu no.

Ɛtɔ so nan, ɛwɔ sɛ yɛtu anammɔn wɔ nkaeɛ a ɛdi kan no so.

Yɛmfa Awurade frɛ no anibereɛ so, sɛ “momma mobo ntɔ mo yam, ɛfiri sɛ mɛdi mo anim kan.” (Nkyerɛkyerɛ ne Apam 78:18). Ɔde Sunsum Kronkron no di yɛn anim. Yɛmmɛn Honhom no yie, ntu anammɔn wɔ nkaeɛ a ɛdi kan no ho, berɛ a yɛnim sɛ ɛfiri Onyankopɔn hɔ. Medi adanseɛ wɔ Sunsum Kronkron tumi a ɔde kyerɛ yɛn kwan, bɔ yɛn ho ban, na ɔka yɛn ho daadaa.

Tintim