2023
Awufoɔ Bɛgyina Onyankopɔn anim
Ɔpɛnima 2023


“Awufoɔ Bɛgyina Onyankopɔn anim,” De ma Mmabunu Ahoɔden, Ɔpɛnima 2023.

Bosome bosome De ma Mmabunu Ahoɔden Nkransɛm, Ɔpɛnima 2023

A wufoɔgyina Onyankopɔn anim

Yohane hunuu Atemmuo a Ɛdi Awieeɛ no wɔ adiyisɛm.

Mfoni
Yesu Kristo

Ɔba Bio Bɛdi Hene, Ɛfiri Mary Sauer hɔ

awufoɔ, nkumaa ne akɛseɛ bɛgyina Onyankopɔn anim

Yesu Kristo Wusɔreɛ tumi no de nnipa nyinaa ba Onyankopɔn anim sɛ wɔbɛbu wɔn atɛn (hwɛ Alma 11:42–44; 33:22; 40:21; Helaman 14:15–17; Mormon 9:13–14).

Wɔbuebuee nwoma no mu

Nwoma no gyina hɔ ma twerɛtohɔ a wɔakora no wɔ asase so fa deɛ nnipa yɛɛ no asase so ho sɛ wɔbɛfa apam kwan no so (hwɛ Nkyerɛkyerɛ ne Apam 128:7).

nkwa nwoma no

“Nkwa Nwoma no nkyerɛmu baako yɛ onipa bi nsusuiɛ ne nneyɛɛ nyinaa—n’abrabɔ ho twerɛtohɔ. Nanso, twerɛnsɛm no nso kyerɛ sɛ wɔyɛ ɔsoro twerɛtohɔ fa anokwafoɔ ho, a wɔn din ne wɔn tenenee nnwuma ho amanebɔ ka ho” (Akwankyerɛ kɔ Twerɛnsɛm mu, “Nkwa Nwoma,” scriptures.ChurchofJesusChrist.org).

buu atɛn

Atemmuo a Ɛdi Awieeɛ no ba wɔ nnipa wusɔreɛ akyi. Yesu Kristo bɛyɛ onipa biara Temmuafoɔ. Saa atemmuo yi na ɛbɛkyerɛ ɛnniawieɛ animuonyam a onipa biara bɛnya. (Hwɛ Akwankyerɛ kɔ Twerɛnsɛm mu, “Atemmuo, Ɛtwa toɔ no,” scriptures.ChurchofJesusChrist.org; Alma 41:3–5; Nkyerɛkyerɛ ne Apam 88:26–32.)

sɛdeɛ wɔn nnwuma teɛ

Deɛ onipa biara yɛɛe ne deɛ wɔpɛɛe na ɛbɛbu wɔn atɛn (hwɛ Nkyerɛkyerɛ ne Apam 137:9). Sɛ wɔyɛɛ setie maa Onyankopɔn mmaransɛm na wɔn nneyɛɛ ne hann ne nokorɛ biara a wɔgyee no saa asetena yi mu kɔeɛ na ɛbɛbu wɔn atɛn.

Tintim