De ma Mmabunu Ahoɔden
MeYɛ Yesu Kristo Akyidini
Ɔpɛpɔn 2024


“MeYɛ Yesu Kristo Akyidini,” De ma Mmabunu Ahoɔden, Ɔpɛpɔn. 2024.

Bosome bosome De ma Mmabunu Ahoɔden Nkransɛm, Ɔpɛpɔn 2024

MeYɛ Okyidini ma Yesu Kristo

Wobɛtumi adi Agyenkwa no akyi na wakyɛ Ne nsɛm ama afoforɔ.

Mfoni
2024 Mmabunu Asɛmtitiri ahyɛnsodeɛ

Wasusu ho pɛn sɛnti a, sɛ Ɔsa yadeɛ a, Yesu Kristo kakyerɛ ɛbinom sɛ mma wɔn nka nkyerɛ obiara (hwɛ Marko 7:36)? Sɛnti baako bɛtumi ayɛ akyidifoɔ a na Ɔhia. Ɛɛbia wobɛdwene sɛ sɛ amanfoɔ ka wɔn ayaresa ho asɛm a ɛbɛtwe ɛdɔm abɛdi Yesu akyi. Mmom, na Yesu nhyia akyidifoɔ kɛkɛ. Na Ɔhia akyidifoɔ.

Yesu kakyerɛɛ Petro ne Andrew, “Di makyi” (Mateo 4:19). Joseph Smith Nkyeraseɛ no kyerɛ nkyekyɛmu, “Me ne deɛ nkɔmhyɛfoɔ atwerɛ sɛ; di makyi ” (Joseph Smith nkyerɛaseɛ, Mateo 4:18 [wɔ Mateo 4:19, footnote a]). Na ɔfrɛ no nnyɛ sɛ wɔn mmɛka ne ho kakra. Na ͻpɛsɛ wͻyɛ n’akyidifoɔ daa nyinaa.

Na ɔmpɛ sɛ wɔbɛhwɛ no sɛ ɔrekyerɛ nkorɔfoɔ adeɛ, dɔ wɔn, na ɔreyɛ anwanwadeɛ. Na ɔpɛsɛ wɔyɛ sa ara. Na Ɔpɛsɛ nadwuma bɛyɛ wɔn adwuma. Wɔreyi Kristo kyerɛ sɛ wɔbɛsua asom sɛdeɛ Ɔsom na wɔn adwene sɛdeɛ Ɔdwene. Wɔbɛtena sɛdeɛ Ɔtenaaɛ, na Ɔbɛkyerɛ wɔn na wama wɔn mmoa a wɔhia de abɛyɛ sɛ Ɔno.

Mfoni
Yesu Kristo

Ɔkyidini wɔ Greek kasa mu yɛ mathetes. Ɛkyerɛ sɛ ɛboro osuani so anaa kyidini kɛkɛ so. Wɔtaa kyerɛ aseɛ sɛ odwumayɛsuani. Wɔ Kristo mmerɛ mu, akyidifoɔ yi wɔn awuranom sua wɔn sɛdeɛ wɔbɛba abɛyɛ awuranom ankasa. Kristo anni deɛ na wɔyɛ no dada no. Ɔdanee no na Ɔno ankasa hwehwɛɛ N’akyidifoɔ. Ɛnɛ, Kristo frɛ yɛn sɛ yɛmmra Ne nkyɛn. Wafrɛ me sɛ menna n’asɛm no adi nkyerɛ ne nkurɔfoɔ no, ama wɔanya nkwa a ɛtehɔ daa. (hwɛ 3 Nefae 5:13).

Abayewa bi a ɔfiri Heiti wɔ Caribbean daa no adi sɛ ɔpɛ sɛ ɔyɛ Kristo kyidini berɛ a ɔtoo nsa frɛɛ nadamfo a ɔnnyɛ asɔre ba sɛ ɔmmera FSY nhyiamu. Mfitiaseɛ no, na nadamfo no papa mpɛ sɛ ɔbɛma ne babaa no kwan akɔ. Asɔre mpanyimfoɔ kyerɛɛ suahunu papa a ɛwɔ hɔ ma no ne mmabunu aboafoɔ a wɔbɛhwɛ no so. Agya no maa kwan sɛ ne babaa no nkɔ, na ɔhunuu nsakraeɛ a ɛde baaɛ no, ɔmaa kwan sɛ ɔmmera asɔre nhyiamu na--bosome nsia akyi no--ɔbɔɔ asu.

Abamuwa bi a ɔfiri Argentina wɔ South Amerika daa no adi sɛ ɔpɛ sɛ ɔyɛ Kristo kyidini berɛ a ɔne nadamfo kyɛ dɔkɔdɔkɔdeɛ wɔ sukuu lɔɔre mu. Na sɛ ɛba nea ne dɛ te sɛ kɔfe a, ɔkyerɛɛ mu sɛ ɔnnii bi da esiane sɛ na obiara nyɛɛ bi wɔ nabusua mu da. Ɛno de nkɔmmɔ fa asɔre no ho baaɛ, na ɛde ɔfrɛ baa sɛ ɔmmera nhyiamu, na ɛmaa nadamfo no bɛdɔm asɔre no na ɔkɔɔ asɛmpatrɛ adwuma wɔ Chile.

Ɛnnyɛ obiara a wobɛto nsa afrɛ wɔ asɔre dwumadie mu na ɔbɛdɔm Asɔre no. Ɛno nso yɛ. Ɛnnyɛ obiara a Kristo ne no kasaaɛ wɔ asase so na ɔbɛdɔm no, Ɛguso, sɛyɛayi sɛ yɛbɛyɛ Yesu Kristo akyidifoɔ no na yɛaka Nasɛm no, Ɔbɛma yɛn akokoduro ne ɔsoro mmoa. Yɛbɛsua sɛdeɛ yɛbɛyɛ tesɛ Ɔno, na ɛno na akyidifoɔ yɛ.

Tintim