De ma Mmabunu Ahoɔden
Woregye Kristo Adi Ansa Na Waba Bio
Oforisuo 2024


“Woregye Kristo Adi ansa Na Waba Bio,” De ma Ma Mmabunu Ahoɔden, Oforisuo. 2024.

Bosome bosome De ma Mmabunu Ahoɔden Nkrasɛm, Oforisuo 2024

Jarom

Woregye Kristo Adi ansa na Waba Bio

Na Nephifoɔ no wɔ gyedie ansa na Agyenkwa no reba, na yɛbɛtumi anya gyedie ansa na Waba bio.

Mfoni
Yesu Kristo resra Nephifoɔ no

So woasusu sɛnea ɛbɛyɛ sɛ wobɛgye Agyenkwa no adi ansa na Ɔba asaase so no ho pɛn? Na ɛsɛ sɛ tete Nephifoɔ no yɛ saa pɛpɛɛpɛ—“hwɛ Messiah no kwan, na wɔgye no di sɛ ɔbɛba te sɛ nea ɔwɔ hɔ dada” (Jarom 1:11).

Seesei, yɛwɔ twerɛsɛm ne abakɔsɛm mu twerɛtohɔ ahodoɔ a ɛdi adanseɛ sɛ Yesu Kristo tenaa ase, owuui, na ɔsɔree bio. Yɛgye Agyenkwa bi a waba dada no di. Nanso yɛgye Agyenkwa bi a ɔbɛba bio nso di.

Ansa na Yesu Kristo Reba no, Na Nephifoɔ no wɔ Gyidie Sɛ:

Mfoni
Ɔhene Benjamin ne ne yere rebɔ mpaeɛ

Wɔde wɔn bɔne bɛkyɛ wɔn.

“Obiara a ɔbɛgye adi sɛ Kristo bɛba no, ɔbɛnya wɔn bɔne ho fafire, na ɔde anigyeɛ kɛseɛ adi ahurusie, mpo te sɛ nea waba wɔn mu dada” (Mosiah 3:13; ɔka sisodua).

Mfoni
Enos

Wɔde kyɛ wɔn ho.

“Na ɛnne bi baa me nkyɛn sɛ: Enos, wɔde wo bɔne akyɛ wo. Ɛno nti, wɔyii m’afɔbuo firii hɔ. Na mekaa sɛ: Awurade woyɛ no sɛn? Na ɔsee me sɛ: Ɛnam wo gyedie a ɛwɔ Kristo a wontee ne nka da na wɔnhunu no da no mu nti. Na mfeɛ pii twaam ansa na ɔdaa ne ho adi honam mu; wo gyedie ama wo ho atɔ wo” (Enos 1:5–8; ɔka sisodua).

Mfoni
Yakob reka asɛmpa no

Yɛ anwanwadeɛ ahodoɔ.

“Na yɛnim Kristo ho asɛm, na na yɛwɔ n’anuonyam ho anidasoɔ mfeɛ ɔha pii ansa na ɔreba. Pii a nokorɛ mu yɛbɛtumia ahyɛ wɔ Yesu din mu na nnua ankasa atie yɛn, anaa mmepɔ, anaa ɛpo asorɔkye” (Jacob 4:4, 6; ɔka sisodua).

Mfoni
Moroni retwerɛ wɔ mprɛte so

Nya adiyisɛm.

“Na bebree wɔ hɔ a na wɔn gyedie mu yɛ den yie, mpo ansa na Kristo reba, a wɔantumi ankora wɔn so amfiri nkatanim no mu, na mmom wɔde wɔn ani hunuui nokorɛ mu” (Ether 12:19; ɔka sisodua).

Ansa na Yesu Kristo bɛba bio no, Yɛbɛtumi Anya Gyedie De:

Akyɛ yɛn, akyɛ yɛn ho, ayɛ anwanwadeɛ, na yɛanya adiyisɛm (te sɛ Nephifoɔ no).

Mfoni
aberanteɛ bi a ɔreto dwom wɔ asɔredan mu

Yɛnsiesie yɛn ho mma Ne mmaeɛ.

Berɛ a yɛbɔ mmɔden sɛ yɛbɛdi yɛn apam so no, yɛresiesie yɛn ho sɛ yɛbɛtena ɔsoro ahemman mu. “Na hwɛ, saa asetena yi ne berɛ a nnipa siesie wɔn ho sɛ wɔbɛhyia Onyankopɔn; aane, hwɛ asetena yi da no ne da a nnipa bɛyɛ wɔn adwuma” (Alma 34:32).

Mfoni
mmabunu wɔ asɔredan no anim

Siesie wiase ma Ne mmaeɛ.

Titenani Russell M. Nelson ato nsa afrɛ yɛn sɛ yɛmmɛka “adwuma kɛseɛ a ɛwɔ asase so no ho”—Israel anoboaboa. “Yɛn Agya a ɔwɔ Ɔsoro no agya Ne Honhom mu animuonyamfoɔ mu pii— ebia, mɛka sɛ, Ne kuo a ɛyɛ pa ara—de ama ne ko a ɛtwa toɔ. Saa ahonhom anuonyamfoɔ no—saa agodifoɔ a wɔyɛ papa sene obiara no, saa abrane no—ne wo!”1

Mfoni
mmaayewa a wɔreyɛ wɔn ho atuu

Nya anidasoɔ wɔ mmerɛ a ɛmu yɛ den mu.

Sɛ Agyenkwa no ba bio a, ateneneefoɔ bɛtena ase asomdwoeɛ mu. Agyenkwa no bɛdi hene, na wɔbɛtenetene ntɛnkyea. “Efirisɛ Awurade bɛtena wɔn mfimfini, na n’anuonyam bɛba wɔn so, na ɔbɛyɛ wɔn hene ne wɔn mmrahyɛfoɔ” (Nkyerɛkyerɛ ne Apam 45:59).

Mfoni
abaayewa

Fa wo ho to Owusɔreɛ no so.

Wɔbɛnyane adasamma nyinaa. Yɛbɛnya nipadua a ɛyɛ pɛ a ɛnwu da. Yɛbɛtumi ahunu adɔfoɔ a wɔawuwu bio. “Honhom ne nipadua no bɛsane ahyia bio wɔ ne tebea a ɛyɛ pɛ mu; nsa ne akwaa nyinaa bɛsane aba ne tebea a ɛfata mu, sɛnea yɛte saa berɛ yi mpo” (Alma 11:43).

Mfoni
Yesu Kristo yii ne ho adi kyerɛɛ Nephifoɔ

Tete Nephifoɔ no nyaa gyedie wɔ Agyenkwa no mu ansa na Ɔreba. Yɛbɛtumi anya gyedie sɛ Agyenkwa no bɛba bio—berɛ a “[yɛn]bɛhunu [No] wɔ ɔsoro mununkum mu, a ɔhyɛ tumi ne animuonyam kɛseɛ” (Nkyerɛkyerɛ ne Apam 45:44; san hwɛ Asomafoɔ Nnwuma 1:11). Ɔkwan bɛn so na wonim sɛ Ɔbɛba bio no sesa nea wobɛyɛ nnɛ?

Atwerɛ

  1. Russell M. Nelson, “Hope of Israel” (worldwide youth devotional, Ayɛwohomumu 3, 2018), Asɛmpa Akoraeɛ.

Tintim