2018
Nneɛma Num a Atiefoɔ pa Yɛ
June 2018


Mfoni
Two young women talking

Ɔsom Akwankyerɛ, Ayɛwohommumɔ 2018

Nneɛma Num a Atiefoɔ pa Yɛ

Sɛ wotie yie a, ɛboa wo ma wohu kwan a wobɛfa so asom afoforɔ wɔ honhom ne honam fa mu sɛdeɛ anka Agyenkwa no bɛyɛ.

Ɛlda Jeffrey R. Holland a ɔka Asomafoɔ Dumienu ho aka sɛ: “Ɛbia deɛ ɛhia paara ne sɛ yɛbɛtie kyɛn sɛ yɛbɛkasa. … Sɛ yɛtie wɔ ɔdɔ mu a, ɛho nhia sɛ yɛbɛdwene deɛ yɛbɛka ho. Ɔnam Honhom no so—de bɛma yɛn.”1

Sɛyɛbɛtie yɛ kɛkyɛ a yɛbɛtumi asua. Sɛyɛtie a ɛkyerɛ yɛn dɔ ma afoforɔ, ɛboa ma ayɔnkofa nyini, na ɛma Honhom no hyira yɛn ma yɛtumi te afoforɔ ase ne deɛ wɔhia.2 Ɛkwan num a yɛbɛtumi afa so atu mpɔn wɔ sɛdeɛ yɛtie mu.

1. Ma wɔn berɛ

Nnipa pii hia berɛ de asusu deɛ wɔpɛ sɛ wɔka ho ansa na waka. Ma wɔn mmerɛ ma wɔn mfa nnwene sɛ wɔkasa wie a (hwɛ James 1:19). Sɛ wɔkasa wie a, ɛnkyerɛ sɛ waka n’asɛm awie. Ɛnsuro koomyɛ (hwɛ Hiob 2:11–3:1 ne Alma 18:14–16).

2. Ma wadwene nkɔ so

Yɛdwene ntɛm kyɛn sɛdeɛ afoforɔ kasa. Ɛmpɛ ntɛm mmua asɛm anaa ɛnnwene wɔ wotirim ansa na asɛm bi asi.(Hwɛ Proverbs 18:13). Mmom, tie sɛ wobɛte aseɛ. Wo mmuaɛ no bɛyɛ papa ɛnam sɛ wate aseɛ yie.

3. kyerɛmu

Ɛnsuro sɛ wobɛbisa nsɛmmisa a ɛbɛma biribi a wonte aseɛ mu ada hɔ ama wo.(Hwɛ Marko 9:32). Ɛnkyerɛmu yi mentemehoaseɛ firi hɔ na ɛma no da adi sɛ asɛm no yɛ wo asɛmhia.

4. Dwene ho

Susu deɛ wo teeɛ no ho ne wo nteaseɛ wɔ deɛ nipa korɔ no repɛ akyerɛ. Wei boa ma wɔn hu sɛ wate wɔn aseɛ na ɛma wɔn akwanya ma wɔkyerɛ mu.

5. Hwehwɛ baabi mo adwene bom

Ɛbia wo nte deɛ. ɔkaaɛ no nyinaa aseɛ, nanso wobɛtumi ne no ayɛ adwene wɔ deɛ wote aseɛ a akyinnyeɛ bia nni ho. Sɛ nteaseɛ yɛ adwuma a ɛyi akyinnnyeɛ ne nsensɛn mu firi hɔ (Hwɛ Mateo 5:25).

Titenani Russell M. Nelson akyerɛ sɛ “yɛn nsua sɛ yɛbɛtie, na yɛn tie sɛ yɛbɛsua adeɛ afiri yɛn-ho-yɛn-ho.”3 Sɛ yɛde adesua adwene tie firi afoforɔ hɔ a, ɛma yɛn nya wɔn ahiasɛm mu nteaseɛ na yɛnya atinka fa deɛ yɛbɛyɛ de aboa wɔn a wɔwɔ yɛn ho sɛdeɛ anka Agyenkwa no bɛyɛ.

Sɛyɛbɛtie yɛ ɔdɔ

Ɛlda Holland abasɛm bi kyerɛ tumi a ɛwɔ ɔtie mu:

“M’adamfo Troy Russell de ne ‘pickup’ pie fii ne korabea bɔkɔɔ. … Ɔtee sɛ ne kɔba na ɛwɔ akyire no afa biribi so…. Ɔsii fii lɔɔre no mu huu sɛ ne dɔ ba Austen a wadi mfie nkron da fam hɔ. … Na Austen kɔ.

“Na ɔntumi nna, ɔnni asomdwoeɛ, na Troy ni awerɛkyekyerɛ. … Nanso wɔ saa ɔyaa no mu … na John Manning baaɛ. …

“Nokorɛ na mennim deɛ ɛbaaɛ a John ne ne yɔnko kɔ sraa Russell wɔ fie. … Deɛ menim ne sɛ onuabarima Manning kɔɔ fam pagyaa Troy Russell firi amanehunu no mu tesɛ deɛ wafa abofra Austin ankasa. John faa asɔfodie asɛdeɛ no too ne ho so sɔɔ Troy Russell mu sɛdeɛ ɛwɔ sɛ onua yɛ wɔ Asɛmpa no mu. Ɔhyɛɛ aseɛ kaa sɛ, “Troy, Austen pɛsɛ wo gyina wo nanso bio—agoprama so nso ka ho--ɛno nti mɛba ha anɔpa 5:15 dabiara Yɛkrado. …’

“‘Na me mpɛ sɛ mɛ kɔ,’ Troy ka kyerɛɛ me, esiane sɛ na me ne Austen na ɛkɔ. … Nanso John gyinaa me so ma me kɔɔɛ. Ɛfiri saa da no, yɛ kasaaɛ--anaa me kasaaɛ na John tieɛ. … Mfiaseɛ no na ɛɛden , nanso wɔ berɛ mu no me huu sɛ manya ahoɔden foforɔ wɔ John Manning mu, ɔdɔɔ me na ɔtie me kɔsii sɛ awia pie wɔ m’abrabɔ mu biom.’”4

Atwerɛ.

  1. Jeffrey R. Holland, “Witnesses unto Me,” Liahona, July 2001, 16.

  2. See David A. Bednar, in “Panel Discussion” (worldwide leadership training meeting, Nov. 2010), broadcasts.lds.org.

  3. Russell M. Nelson, “Listen to Learn,” Ensign, May 1991, 23.

  4. Jeffrey R. Holland, “Ɛkɔ ma Mabaawa,” Liahona, Nov. 2016, 62.

Tintim